Hosea 3 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn boasetɔ

1 Hos 1.2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbea guamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefo, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn de, wɔdan kɔ anyame foforo nkyɛn na wɔdɔ bobe aba tetare no.

2Na mede nnwetɛbona dunum ne atoko homer biako ne atoko letek biako metɔɔ no.

3Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ aguaman na nyɛ ɔbarima bi de, na me nso me ne wo atena sa.

42 Be 15.3 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.

5Yer 30.9, 21, 22; Hes 34.23-24 Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help