1 Gye 10.23; 22.21; 36.28; Yer 25.20; Kwa 4.21; Hes 14.14, 20 Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na odi mu, ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.
2Na ɔwoo mmammarima baasɔn ne mmammea baasa.
3Na ɔwɔ nguan mpemnsɔn ne yoma mpensa ne anantwi mpamho ahanum ne mfurum abere ahanum, ne fie nnipa bebree pa ara; na ɔbarima no soe sen apueifo no nyinaa.
4Na ne mmammarima no kɔtow pon wɔ obiako biara fi, obiara ne ne da, na wɔsoma kɔfrɛfrɛ wɔn nuammeanom baasa no bae sɛ wɔne wɔn mmedidi na wɔnnom.
5Na apontow nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kodwira wɔn, na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa.
Hiob trenee6 Hiob 2.1; 1 Ah 22.19-22; 1 Be 21.1; Sak 3.1 Na ɛbae sɛ da bi Onyankopɔn mma no bae begyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.
7Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wufi bae yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mifi asase so kyini ne ɛso anantenantew na mereba.
8Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.
9Nnw 73.13 Na Satan buaa AWURADE sɛ: So ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn no?
10So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so.
11Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!
12Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, na ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe.
13Na da bi a, ne mmammarima ne ne mmabea redidi na wɔrenom nsa wɔ wɔn nua panyin fi.
14Ɔbɔfo bi baa Hiob nkyɛn bɛkae sɛ: Anantwi no refɛntɛm na mfurum abere no nso redidi wɔn nkyɛn mu,
15Gye 10.7, 28; 25.3 ɛnna Sabafo abegu wɔn so na wɔafa wɔn kɔ, na mmerante no, wɔde nkrante akunkum wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.
16Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Onyankopɔn gya fi soro atɔ abɛhyew nguan ne mmerante no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.
17Gye 11.28 Ɔno da so rekasa no, obi bae bɛkae sɛ: Kaldeafo abɔ tukuw abiɛsa abɛtow ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmerante no, wɔakunkum wɔn nkrante ano, na me nko ara na mafi mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.
18Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo nso bae bɛkae sɛ: Wo mmammarima ne wo mmabea redidi na wɔrenom nsa wɔn nua panyin fi,
19na hwɛ, mframa kɛse fi sare so aba abɛbɔ ɔdan no twea anan no, na adwiriw agu mmerante no so ma wɔawuwu, na me nko ara na mafi mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.
20Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atade mu, na oyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn,
21Ɔsɛ 5.15; 1 Tim 6.7 na ɔkae sɛ: Adagyaw na mede mifi me na yam mebae, na adagyaw na mede mɛsan makɔ: AWURADE de mae, na AWURADE afa, AWURADE din na nhyira nka no.
22Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, sɛ ɔbɛkasa atia Onyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.