1 Yos 8 Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, na sɛnea ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso,
2Yos 9 ne sɛ Gibeonfo ne Israel adi asomdwoesɛm na wɔaba wɔn mu no, wosuroe papaapa, efisɛ Gibeon yɛ kurow kɛse te sɛ ahenni nkurow no bi, na ɛso sen Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.
3Na Yerusalem hene Adoni-sedek soma kɔɔ Hebron hene Hoham ne Yarmut hene Piram ne Lakis hene Yafia ne Eglon hene Debir nkyɛn sɛ:
4Mommra me nkyɛn mmɛboa me, na yenkunkum Gibeon, efisɛ wɔne Yosua ne Israelfo no akodi asomdwoesɛm.
5Na Amorifo ahene baanum boaboaa wɔn ho ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛbɔɔ Gibeon so nsra sɛ wɔne wɔn rebɛko.
6Ɛnna Gibeonfo no soma baa Yosua nkyɛn Gilgal nsra no mu sɛ: Nyi wo nsa mfi wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifo a wɔte mmepɔw so ahene nyinaa abehyia ahyɛ yɛn.
7Ɛnna Yosua fii Gilgal foro kɔe, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa.
8Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsam na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.
9Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo fii Gilgal bae.
10Na AWURADE kaa wɔn gui Israel anim, na wɔde okunkɛse kunkum wɔn wɔ Gibeon, na wotiw wɔn Bet-horon aforoee kwan no so, na wonkunkum wɔn de kosii Aseka ne Makeda.
11Eks 9.22-25 Na wɔreguan afi Israel anim na wokoduu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totow abo akɛse fi soro guguu wɔn so de koduu Aseka ma wowuwui; wɔn a amparuwbo no kunkum wɔn dɔɔso sen wɔn a Israelfo no kunkum wɔn nkrante ano no.
Owia ne ɔsram di Yosua asɛm so12Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifo mae Israel anim no, na ɔkae Israel anim sɛ:
Owia, twɛn wɔ Gibeon,
ne ɔsram, wɔ Ayalon bon mu.
13 Hab 3.11; 2 Sa 1.18 Na owia twɛnee, na ɔsram gyinae
de kosii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfo so were.
So wɔnkyerɛw eyi wɔ Yasser Nhoma no mu? Na owia gyinae ɔsoro fa, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu.
14Yos 10.42; Eks 14.25 Na ɛda bi mmae da sɛ ɛno nea aba pɛn, anaa nea ɛbɛba a AWURADE atie onipa nne, efisɛ AWURADE ko maa Israel.
15Na Yosua sanee ne Israel nyinaa baa Gilgal nsra no mu.
16Na ahene baanum yi guan kohintaw Makeda ɔbodan no mu.
17Na wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛahu ahene baanum no sɛ wohintaw Makeda ɔbodan no mu.
18Na Yosua kae sɛ: Munkopirew abo akɛse nkata ɔbodan no ano, na momfa mmarima nnyina ho mma wɔnwɛn wɔn.
19Na mo de, munnnyina hɔ, muntiw mo atamfo no, na munkum wɔn kyidɔm no; mommma wonnnu wɔn nkurow mu, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa.
20Na Yosua ne Israelfo no de okum kɛse pa kunkum wɔn wiei ma wɔsae, na nnipa a wofii mu no guanguan kɔhyɛnhyɛn nkurow a wɔatoto ho afasu mu no,
21na ɔman no nyinaa san baa nsra no mu Yosua nkyɛn wɔ Makeda dwoodwoo; obiara amma n’ano anto Israelfo no.
22Na Yosua kae sɛ: Mummue ɔbodan no ano, na munyi ahene baanum no mfi ɔbodan no mu mmrɛ me.
23Na wɔyɛɛ saa, na woyiyii ahene baanum no fii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene ne Eglon hene.
24Na wɔde ahene yi fi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔka kyerɛɛ mmarima akofofo a wɔne no kɔe no asafohene no sɛ: Muntwiw mmra mfa mo nan mmesisi ahene yi kɔn so. Na wotwiw bae de wɔn anan besisii wɔn kɔn so.
25Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro, na mo bo nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara na AWURADE bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn ko no nyinaa.
26Na ɛno akyi no, Yosua bobɔɔ wɔn kunkum wɔn, na ɔde wɔn sensɛn nnua anum so, na wɔsensɛn nnua no so kosii anwummere.
27Yos 8.29; Deut 21.23 Na owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛe ma woyiyii wɔn fii nnua no so, na wɔkɔtow wɔn guu ɔbodan a wokohintaw mu no mu, na wɔde abo akɛse guu ɔbodan no ano a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ yi ara.
28 Yos 6.21 Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrante kunkum wɔn ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no.
29Ɛnna Yosua twaam fii Makeda kɔɔ Libna a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔne Libna kɔkoe.
30Na AWURADE de ɛno ne emu hene nso hyɛɛ Israel nsa, na ɔde nkrante kunkum akra a wɔwɔ mu nyinaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ ne hene no sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no.
31Na Yosua twaam fii Libna kɔɔ Lakis a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔbɔɔ so nsra, na ɔne wɔn koe.
32Na AWURADE de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na wɔfae da a ɛto so abien no, na ɔde nkrante kunkum wɔn ne akra a wɔwɔ mu nyinaa, sɛnea ɔyɛɛ Libna no ara.
33Ɛno mu no Geser hene Horam foro bae bɛboaa Lakis. Na Yosua kum no ne ne man nyinaa a wamma obiara anka.
34Ɛnna Yosua twaam fii Lakis kɔɔ Eglon a Israel nyinaa ka ne ho, na wotuae, na wɔne wɔn koe.
35Na wɔfae da no ara, na wɔde nkrante kunkum wɔn ne akra a ɛwɔ mu nyinaa; da no ara na ɔsɛee wɔn pasaa sɛnea ɔyɛɛ Lakis no ara.
36Ɛnna Yosua foro fii Eglon kɔɔ Hebron a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔne wɔn koe.
37Na wɔfae de nkrante kunkum wɔn ne emu hene ne wɔn nkurow no nyinaa ne akra a ɛwɔ mu nyinaa; wamma obiara anka, sɛnea ɔyɛɛ Eglon no ara, na ɔsɛee ɛno ne akra a ɛwɔ mu nyinaa pasaa.
38Ɛnna Yosua san baa Debir a Israel nyinaa ka ne ho, ne no bɛkoe.
39Na ɔfae, ɛne ne hene ne ne nkurow nyinaa, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka; sɛnea ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa ara na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.
40 Num 21.2; Deut 20.16-18 Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔw no ne nifa fam ne po ho tataw so ne mmepɔw ase ne wɔn ahene nyinaa, wannyaw oguanfo biara, na ade biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasaa, sɛnea AWURADE, Israel Nyankopɔn, hyɛe no.
41Na Yosua kunkum wɔn fii Kades-barnea koduu Gasa, ne Gosen asase no nyinaa koduu Gibeon.
42Yos 10.14 Na ahene yi nyinaa ne wɔn asase no Yosua fae prɛko, efisɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, ko maa Israel.
43 Yos 10.15 Na Yosua san baa Gilgal nsra no mu a Israel nyinaa ka ne ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.