1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Dan 5.20; Aso 12.23 Onipa ba, ka kyerɛ ɔheneba a ɔwɔ Tiro no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Esiane sɛ wo koma ma ne ho so,
na wuse: Meyɛ onyame,
anyamegua so na mete,
ɛpo mfinimfini,
nanso woyɛ onipa na wonyɛ onyame,
na woyɛ wo koma
sɛ onyame koma nti,
3 Hes 14.14 hwɛ, woyɛ onyansafo sen Daniel,
ahintasɛm biara ankyɛn wo,
4wo nyansa ne wo nhumu so
na woanya ade afa,
na woanya sika ne dwetɛ
agu w’akorade mu,
5wo nyansa dodow ne w’aguadi
na wode ama w’ade adɔɔso,
na w’ade no nti wo koma ahoman,
6enti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Esiane sɛ woayɛ wo koma
sɛ onyame koma nti,
7hwɛ, mede ananafo mereba wo so,
amanaman mu anuɔdenfo,
na wɔabɛtwetwe wɔn nkrante ahyɛ
wo nyansa ahoɔfɛ no,
na wɔahura wo hyerɛn ho.
8 Hes 26.20 Amoa mu na wɔde wo besian akɔ,
na woawu atɔfo wu,
ɛpo mfinimfini.
9 Hes 28.2 So wobɛkɔ so aka sɛ: Meyɛ onyame,
wɔ nea okum wo no anim?
Nso wo de, woyɛ onipa na wonyɛ onyame,
nea ohwirew wo mu no nsam.
10Momonotofo wu na wubewu
ananafo nsam,
na me na maka,
AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
11Na afei AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
12Hes 27.2 Onipa ba, twa Tiro hene ho kwadwom, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Wo de, wone abɔde afɛfɛ mu nea oye,
nyansa ahyɛ wo ma, w’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.
13Onyankopɔn turo Eden mu na wote,
aboɔden abo nyinaa yɛ wo nkataho,
bogyanambo, akaratebo ne bɔwerɛbo,
sikaberebo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo,
hoabo, nsramabo ne ahabammono bo
ne sika; wo mpintin ne wo bɔmmaa ɔsom wɔ w’anim,
ɛda a wɔbɔɔ wo no
na wosiesiei.
14 Yes 14.14 Woyɛ kerub a wɔasra no a ɔkata so,
na mede wo misii hɔ; Onyankopɔn bepɔw kronkron so
na wowɔ, ogya abo ntam na wonennamee.
15Wudii mu w’akwan mu,
fi da a wɔbɔɔ wo ara de kosii da
a wohuu wo mu abusude no.
16W’aguadi dodow nti
na wɔde amimdi hyɛɛ wo ma,
na woyɛɛ bɔne,
na mahura wo ho atu wo afi Onyankopɔn bepɔw no so,
na masɛe wo, kerub a wokata so,
afi ogya abo no ntam.
17W’ahoɔfɛ nti wo koma ahoman,
woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn,
matow wo makyene fam,
mede wo mato ahene anim sɛ wɔnhwɛ wo.
18W’amumɔyɛ dodow so,
w’aguadi abusude mu
woahura w’akronkronne ho,
enti mama ogya afi wo mu,
na ahyew wo, na madan wo nso, asase so,
wɔ wɔn a wɔhwɛ wo nyinaa anim.
19 Hes 27.36 Wɔn a wonim wo, aman mu nyinaa,
wo ho bɛyɛ wɔn ahodwiriw;
na woapatuw asɛe,
na wunni hɔ bio de kosi daa.
Sidon ho atemmusɛm20Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
21Yes 23.2, 12 Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Sidon, na hyɛ ne ho nkɔm,
22Eks 14.18 na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Hwɛ, me ne wo anya, Sidon,
na menya wo mu anuonyam,
na sɛ meyɛ no mu atemmude
na miyi me kronkronyɛ adi no mu a,
wɔahu sɛ mene AWURADE.
23Na merema owuyare aba mu
na mogya agu ne mmorɔn so,
na apirafo atotɔ no mu, nkrante a efi mmaa nyinaa bɛba no so no ano,
na wɔahu sɛ mene AWURADE.
24Na nsɔe a ɛwɔ onipa ne ohwirom a ɛyɛ yaw renka hɔ mma Israel fi bio, mfi wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wobu wɔn animtiaa no nyinaa mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.
Israel ahodwoe25Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ minya meboa Israel fi ano fi aman a wɔapete wɔn mu no mu a, meyi me kronkronyɛ adi wɔn mu amanaman no ani so, na wɔbɛtena wɔn asase a mede memaa m’akoa Yakob no so.
26Na wɔbɛtena so dwoodwoo asi adan ayeyɛ bobe nturo, na wɔatena ase dwoodwoo, efisɛ mɛyɛ atemmude, wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia bu wɔn animtiaa no nyinaa mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.