Yohane 7 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Kristo nuanom nni gyidi

1 Nea nkurɔfo susuw

25 Nkwa nsu ho bɔhyɛ

37 Lew 23.36; Yoh 4.10 Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn menom nsu

38Yes 44.3; Yoel 2.28 Sɛnea kyerɛwsɛm no kae no: Nea ogye me di no, nkwa asubɔnten bɛsen afi ne yam.

39Yoh 16.7 Na eyi de, ɔkae Honhom a wɔn a wogye no di rebenya no ho; na Honhom no nnya mmae, efisɛ wonnya nhyɛɛ Yesu anuonyam.

Nkurɔfo no adwene mu mpaepaemu

40 Yoh 6.14; Deut 18.15 Ɛnna nkurɔfokuw no mu pii tee asɛm yi no, wɔkae sɛ: Odiyifo no ni ampa!

41Yoh 1.47 Ebinom sɛ: Kristo no ni! Na ebinom nso bisae sɛ: Kristo no befi Galilea anaa?

422 Sa 7.12; Mika 5.2; Mat 2.5-6; 22.42 Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?

43Yoh 9.16 Na ne nti mpaepaemu baa nkurɔfokuw no mu.

Wɔantumi ankyere Kristo

44 Yoh 7.30 Na wɔn mu binom pɛe sɛ wɔkyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no.

45Ɛnna asomfo no baa asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn, na wobisaa wɔn sɛ: Dɛn nti na moamfa no amma?

46Mat 7.28-29 Asomfo no buae sɛ: Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.

47Ɛnna Farisifo no buaa wɔn sɛ: Wɔadaadaa mo nso?

48Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa?

49Na nkurɔfokuw yi a wonnim mmara no, wɔadome wɔn!

50Yoh 3.1-2 Nikodemo a ɔbaa ne nkyɛn da bi na ɔyɛ wɔn mu biako no see wɔn sɛ:

51Deut 1.16-17 Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛe ansa a, ebu no atɛn anaa?

52Yoh 7.41 Wobua see no sɛ: Gyama wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn.

53(Na wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn afi mu mmiako mmiako.)

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help