1 Timoteo NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)

NHYƐNMUTimoteo yɛ Okristoni aberante a ofi Asia Kumaa. Ne na yɛ Yudani na n’agya yɛ Helani. Timoteo bɛyɛɛ Paulo yɔnko dwumayɛni ne ɔboafo wɔ n’asɛnka dwumadi akwantu no mu. Paulo haw wɔ ne nhoma a edi kan mu no yɛ abiɛsa.Nea edi kan no, nhoma no bɔ atoro nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ asafo no mu ho kɔkɔ. Saa nkyerɛkyerɛ yi a na ɛyɛ Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo adwene nsaasaawa no gyina gyidi bi so sɛ, wiase mu biribiara yɛ bɔne. Ɛno nti obiara a ɔpɛ sɛ ɔnya nkwagye no hia kokoa mu nimdeɛ sonowonko bi, na ɔyɛ nneɛma bi te sɛ ɔtua ne ho nnuan bi na ɔnware nso. Nhoma no nso ka nhyehyɛe a ɛfa asafo no mu ntotoe ne ɔsom, esu ne abrabɔ a ɛsɛ sɛ asafo mu akannifo ne wɔn aboafo nya. Awiei koraa no, tu Timoteo fo fa sɛnea obetumi ayɛ Yesu Kristo somfo pa ne asɛde a ɔwɔ ma akuw ahorow a ɛwɔ asafo no mu no.EMU NSƐMMfiase nkyerɛkyerɛmu 1.1-2

Nhyehyɛe a ɛfa asafo no ne emu akannifo ho 1.3—3.16

Nhyehyɛe a ɔde ma Timoteo ɛfa n’adwuma ho 4.1—6.21

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help