1 Deut 24.8 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:
2Sɛ biribi ba onipa honam were mu, sɛ ɔsoa oo, ntwintwamee oo, atape oo, na edidi ne honam were mu yɛ kwata ntotowee a, wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfo Aaron anaa ne mma, asɔfo no mu biako.
3Lew 14.37 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ ɔhonam were mu ntotowee no, na ntotowee no so nwi adan fitaa, na ntotowee no atotɔ mu asen ne honam were no a, ɛyɛ kwata ntotowee; na ɔsɔfo no hwɛ no a, ommu no nea ne ho ntew.
4Na sɛ ɛyɛ ne honam were mu atape fitaa, na sɛ wɔhwɛ na ɛntotɔɔ mu nsen ne were no, na ɛso nwi nnan fitaa a, ɛnne ɔsɔfo no nto ɔyarefo no mu nnansɔn.
5Na ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no nhwɛ, na sɛ ohu sɛ ntotowee no te nea ɛte na ɛnyerɛwee ne were mu a, ɔsɔfo no nto no mu nnansɔn bio.
6Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ no da a ɛto so ason no bio, na sɛ ntotowee no ani adum na ɛntrɛwee ne were mu a, ɔsɔfo no mmu no sɛnea ne ho tew, ɛyɛ ntwintwamee; na ɔnhoro n'atade na ne ho ntew.
7Nanso ɔde ne ho akɔkyerɛ ɔsɔfo wɔ n'ahotew ho no akyi no, ntwintwamee no yerɛw ne were mu a, wɔmma ɔsɔfo no nhwɛ no bio;
8na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, ntwintwamee no ayerɛw were no mu a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew; ɛyɛ kwata.
9Sɛ kwata ntotowee wɔ onipa bi ho a, wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfo no.
10Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, ɔsoa fitaa bi wɔ were no mu a adan nwi no fitaa, na anammono repuw nsoae no mu a,
11ɛyɛ kwata dedaw a ɛwɔ ne honam were mu, na ɔsɔfo no mmu no sɛ ne ho ntew; ɔnnto no mu; na ne ho ntew.
12Na sɛ kwata no apue afi were mu akata ɔyarefo no honam nyinaa fi n'atifi kosi ne nan ase, baabiara a ɔsɔfo no aniwa bɛhwɛ,
13na ɔsɔfo no hwɛ, na hwɛ, kwata no akata ne honam nyinaa so a, ommu ɔyarefo no sɛ ne ho tew; ne ho nyinaa adan fitaa a, ne ho tew.
14Nanso bere biara a wobehu ne ho anammono no no, ne ho ntew.
15Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ anammono no a, ommu no nea ne ho ntew; anammono no ho ntew, ɛyɛ kwata.
16Na sɛ anammono no san dan fitaa, na ɔba ɔsɔfo no nkyɛn,
17na ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee no adan fitaa a, ɛnne, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho tew; ne ho atew.
18Sɛ pobia si obi honam were mu na ewu,
19na ɔsoa fitaa bi anaa atape fitaa a ɛbere ba pobia no ananmu a, wɔmma ɔsɔfo no nhwɛ.
20Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ɛhɔ atotɔ mu asen were no na emu nwi adan fitaa a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew; ɛyɛ kwata ntotowee, apue wɔ pobia no mu.
21Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ nwi fitaa bi nni mu, na ɛntotɔɔ mu nsen were no na ani dum a, ɔsɔfo no nto no mu nnansɔn;
22na sɛ ɛyerɛw were no mu a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew: ɛyɛ ntotowee.
23Lew 13.28 Na sɛ atape no te nea ɛte na ɛnyerɛwee a, ɛyɛ pobia no bon, na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho tew.
24Anaasɛ ogya kuru bi ba ɔhonam were no mu, na kuru no so bon puduw yɛ atape a ɛhoa fitaa na emu gyigye anaasɛ ɛhoa fitaa,
25na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ atape no mu nwi adan fitaa na wɔhwɛ a atotɔ mu asen were no a, ɛyɛ kwata, na apue ogya kuru no mu, na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew, ɛyɛ kwata ntotowee.
26Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ nwi fitaa nni atape no mu, na ɛntotɔɔ mu nsen were no, na ani dum a, ɔsɔfo no nto no mu nnansɔn.
27Na da a ɛto so ason no, ɔsɔfo no hu sɛ ayerɛw were no mu a, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew: ɛyɛ kwata ntotowee.
28Lew 13.23 Na sɛ atape no te nea ɛte na ɛnyerɛwee were no mu na ani dum a, ɛyɛ ɔsoa a ogya kuru no asoa, na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho tew; na ɛyɛ ogya kuru no bon.
29Na ɔbarima anaa ɔbea bi, sɛ biribi tɔ n'atifi anaa ne bogyesɛ mu,
30na ɔsɔfo no hwɛ ntotowee no, na sɛ atɔ mu asen were no, na nwi kɔkɔɔ nhweanhweaa wɔ mu a, ɔsɔfo no mmu no sɛnea ne ho ntew; ɛyɛ ntutui, ɛyɛ eti anaa bogyesɛ mu kwata.
31Na ɔsɔfo no hwɛ ntutui ntotowee no, na sɛ ɛhɔ ntɔɔ mu nsen were no, na nwi tuntum nso nni mu a, ɔsɔfo no nto nea ntutui atotow no no mu nnansɔn.
32Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ ɔyarefo no da a ɛto so ason no, na sɛ ntutui no nyerɛwee na nwi kɔkɔɔ mmaa mu, na ntutui no ntɔɔ mu nsen were no a,
33onyi ne ho nwi na onnyi ntutui no so, na ɔsɔfo no nto nea ntutui ayɛ no no mu nnansɔn bio.
34Na sɛ ɔsɔfo no hu ntutui no da a ɛto so ason no, na sɛ ntutui no nyerɛwee were no mu na ɛhɔ ntɔɔ mu nsen were no a, ɛnne, ɔsɔfo no mmu no nea ne ho tew; na ɔnhoro ne ntade na ne ho atew.
35Na sɛ ɛno akyi ntutui no yerɛw,
36na ɔsɔfo no hwɛ no, na sɛ ntutui no ayerɛw were no mu a, ɔsɔfo no nnhwehwɛ nwi kɔkɔɔ no; ne ho ntew.
37Na sɛ ohu ntutui no sɛ ɛte nea ɛte na nwi tuntum afuw mu a, na ntutui no awu; ne ho tew, na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho tew.
38Na ɔbarima anaa ɔbea, sɛ atape fitaa ba wɔn honam were mu,
39na ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ atape a ani dum fitaa wɔ wɔn honam were mu a, ɛyɛ yam a ayerɛw were mu; ne ho tew.
40Na sɛ ɔbarima bi ti pa a, ɔyɛ tipae; ne ho tew.
41Na sɛ ne mpampam anim fam na apa a, ɔyɛ tipae; ne ho tew.
42Na sɛ biribi fitaa a ɛbere tow ne tipae no mu anaasɛ ne mpampam pae no mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue ne tipae anaa ne mpampam pae no mu.
43Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee fitaa a ɛbere asoa ne tipae no anaa ne mpampam pae no mu a ɛte sɛ ɔhonam were mu kwata a,
44ɔyɛ ɔkwatani; ne ho ntew; obu na ɔsɔfo no mmu no nea ne ho ntew; ne ti so na ne ntotowee no wɔ.
45Na ɔkwatani a ɔyare no wɔ ne ho no nsunsuane ne ntade mu, na ɔmpɛsɛw ne ti, na ɔnkata n'ano, na ɔnteɛm sɛ: Me ho ntew, me ho ntew!
46Deut 5.3 Nna dodow a ɔyare no wɔ ne ho no, ɔtew na ne ho ntew; ne nko na ɔntena, na nsra no akyi na ɔntena.
47Na sɛ kwata ntotowee wɔ atade bi mu, sɛ ɛwɔ okuntutam anaa asaawatam,
48anaa nsa anaa mfa a wɔde nwene asaawatam anaa kuntutam anaa nhoma anaa ade biara a wɔde nhoma ayɛ mu,
49na sɛ ntotowee no biri anaasɛ ɛbere ntama anaa nhoma no anaa nsa anaa mfa no anaa ade biara a wɔde nhoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata ntotowee, wɔmma ɔsɔfo no nhwɛ.
50Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ ntotowee no a, ɔnto ade a ntotowee no wom no mu nnansɔn.
51Na ɛda a ɛto so ason no, ohu sɛ ntotowee no ayerɛw atade no anaa nsa anaa mfa anaa nhoma no anaa biribiara a wɔde nhoma ayɛ no mu a, na ntotowee no yɛ kwata a ɛsɛe ade; ɛho ntew.
52Na ɔnhyew ntama no, sɛ nsa no anaa mfa no oo, anaa kuntu anaa asaawa anaa nhoma ade biara mu na ntotowee no wɔ oo, efisɛ ɛyɛ kwata a ɛsɛe ade.
53Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee no ntrɛwee atade no mu wɔ nsa anaa mfa anaa nhoma ade biara mu a,
54ɔsɔfo no nhyɛ na wɔnhoro ade a ntotowee no wɔ mu no, na ɔnto mu nnansɔn bio.
55Na ntotowee no horo akyi no ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee no ani nsakrae na ɛnyerɛwee nso a, ɛho ntew, wɔmfa ogya nhyew; ani akukuw oo, akyi akukuw oo, ɛyɛ nwewee.
56Na sɛ ne horo akyi no ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ ntotowee no ani dum a, ɔntew mfi ntama no anaa nsa anaa mfa no mu.
57Na sɛ wohu bio, ntama no mu, wɔ nsa anaa mfa anaa nhoma ade biara mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue, wɔmfa ogya nhyew nea ntotowee no wɔ mu no.
58Na ntama no, mfa anaa nsa anaa nhoma ade biara a wobɛhoro na ntotowee no befi mu no, wɔnhoro bio na ɛho atew.
59Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotowee, kuntutam anaa asaawatam anaa nsa anaa mfa anaa nhoma ade biara mu, na wɔde abu no ade a ɛho tew anaa ade a ɛho ntew.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.