Yosua 17 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Manase kyɛfa

1 Num 26.29; Yos 13.31 Na ntonto no yii Manase abusuakuw de, efisɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, efisɛ ɔyɛ dɔmmarima.

2Na eyii Manase asefo a aka no de, sɛ wɔn mmusua te: Abieser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida asefo. Eyinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛ wɔn mmusua te.

3 Num 26.33; 27.1 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad no nni mmammarima, na mmabea na ɔwɔ. Na eyinom ne ne mmabea no din: Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

4Na wɔbaa ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkae sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapade, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anom asɛm no so maa wɔn agyapade wɔn agya nuanom no mu.

5Na Manase nkyekyem a onyae no si du, ɛsono Gilead ne Basan asase a ɛwɔ Yordan agya no.

6Na Manase mmabea no nyaa agyapade ne mmammarimanom no mu, na Gilead asase no yɛɛ Manase mma nkae no de.

7Na Manase hye no fi Aser kɔ Mikmetat a ɛda Sekem apuei no, na ɔhye no kɔ nifa, En-tapuafo no ho.

8Tapua asase no yɛɛ Manase de, na Tapua kurow a ɛwɔ Manase hye so no yɛɛ Efraimfo de.

9Yos 16.9 Na ɔhye no sian kɔ Kana subon no ho, subon no nifa. Ɛhɔ nkurow a ɛyɛ Manase nkurow no yɛɛ Efraim de. Na Manase hye no wɔ subon no benkum fam, na ano kɔka mpoano.

10Nifa fam asase no yɛɛ Efraim de, na benkum fam de yɛɛ Manase de, na po no ne ɔhye. Na wɔne Aser bɔɔ ɔhye benkum fam, na wɔne Isakar bɔɔ apue fam.

11Ate 1.27; 1 Sa 28.7 Na nkurow a Manase nyae Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkurow, ne Yibleam ne ɛho nkurow, ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkurow, ne En-dorfo ne ɛho nkurow, ne Taanakfo ne ɛho nkurow, ne Megidofo ne ɛho nkurow, nkoko abiɛsa so amantow no.

12Yos 15.63 Nanso Manase mma antumi antu nkurow no mufo, na Kanaanfo no pɛɛ asase no so tena.

13Yos 16.10 Na Israelfo ho yɛɛ den no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no maa ɔsom adwuma, yii tow, na mmom, otu de wɔantu wɔn korakora.

Yosef asefo nya kyɛfa foforo

14Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Efi dɛn so na woma me agyapade ntonto biako ne susuhama biako? Na me de, meyɛ ɔman kɛse, efisɛ AWURADE ahyira me de abedu sesɛɛ.

15Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛse a, foro kɔ kwae no mu kobu hɔ fa, Perisifo ne abran akɛse no asase so, efisɛ wonsen Efraim mmepɔw so.

16Na Yosef asefo no kae sɛ: Bepɔw no nso yɛn, nso Kanaanfo a wɔte tataw mu hɔ nyinaa wɔ dade nteaseɛnam, wɔn a wɔte Bet-sean ne ɛho nkurow mu ne wɔn a wɔte Yesreel bon no mu nyinaa.

17Na Yosua ka kyerɛɛ Yosef fi, Efraim ne Manase sɛ: Ɔman kɛse ne wo, na wowɔ ahoɔden kɛse, ɛnyɛ ntonto biako pɛ na wubenya,

18na mmom bepɔw no nyɛ wo de; ɛwom sɛ ɛyɛ kwae de, nanso bu fa, kosi nea ano bɛka; na Kanaanfo no, sɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfo po a, wubetu wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help