Numeri 25 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Israel aguamammɔ ne abosonsom

1Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no fii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman;

2Deut 31.16 na wohyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduan ho; na ɔman no dii na wɔsɔree wɔn anyame no;

3Deut 4.3 na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuw Israel;

42 Sa 21.6, 9; Deut 21.22-23 na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitiriw no nyinaa, na sensɛn wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyew no nsan mfi Israel so.

5Na Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no sɛ: Munkunkum mo mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-peor ho no.

6Na hwɛ, ɔbarima bi fi Israelfo no mu bae a ɔde Midianni bea bi baa ne nuanom nkyɛn, Mose aniso ne Israelfo asafo no nyinaa aniso; ɛbere a wɔn de, wɔresu ahyiae ntamadan no ano.

7Na ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Pinehas hui no, ɔsɔre fii asafo no mu kɔfaa peaw kurae,

8na odii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbea no nyinaa hwirew n'ayaase; na ɔhaw no to twae fii Israelfo no so.

91 Ko 10.8 Na nnipa a wowuwui ɔhaw no mu ano si ɔpeduonu anan.

10Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

11Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Pinehas asianka m'abufuw afi Israelfo so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu, a enti manhyew Israelfo wɔ me ninkuntwe mu.

121 Be 9.20 Enti ka sɛ: Hwɛ, mede m'asomdwoe apam merema no,

13Nnw 106.30-31 na ayɛ ɔno ne n'asefo a wɔbɛba n'akyi no daa asɔfodi apam, efisɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfo.

14Na Israelni a wokum no, ne Midianni bea no din ne: Simri, Salu ba a ɔyɛ Simeonfo mpanyimfi mu bapɔmma.

15Deut 31.8 Na Midianni bea a wokum no no din de Kosbi, Sur a ɔyɛ Midianfo mu mpanyimfi so man panyin no ba.

16Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

17Deut 31.2-10 Munhiahia Midianfo ho na munkum wɔn,

18esiane sɛ wɔn nso wɔn anifere a wɔde ahiahia mo ho, na wɔde daadaa mo de kɔsom Baal-peor, ne wɔn nuabea Kosbi, Midian safohene no ba a wokum no da a Peor ho haw no bae no nti.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help