2 Ahene 15 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asaria di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 26.1-23)

1 2 Ah 14.21 Israel hene Yeroboam afe a ɛto so aduonu ason so na Yuda hene Amasia ba Asaria bedii hene.2 Be 26.1, 3-23

2Obedii hene no, na wadi mfe dunsia, na odii hene mfirihyia aduonum abien Yerusalem. Na ne na din ne Yekolia a ofi Yerusalem.

3Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Amasia yɛe no nyinaa;

42 Ah 14.3-4 gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyi; ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so.

5Lew 13.46 Na AWURADE bɔɔ ɔhene no ma ɔyaree kwata de kosii ne wuda; na ɔkɔtenaa ofi foforo a ne nkutoo te mu, na ɔhene ba Yotam na odii ofi no so na ɔyɛɛ ɔkannifo wɔ asase no so.

6Na Asaria ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?

72 Ah 15.32 Na Asaria wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Yotam bedii n’ade.

Sakaria di Israel so hene

8 2 Ah 14.29 Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduasa awotwe so na Yeroboam ba Sakaria bedii Israel so hene Samaria, asram asia.

91 Ah 12.26-33 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛnea n’agyanom yɛe no; wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.

102 Ah 15.14; Amos 7.9 Na Yabes ba Salum bɔɔ ne ho pɔw, na ɔbɔɔ no ɔman no anim kum no, na obedii n’ade.

11Na Sakaria ho nsɛm nkae no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.

122 Ah 10.30 Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awo ntoatoaso a ɛto so anan mu mma bɛtena Israel agua so. Na ɛbae sa.

Salum di Israel so hene

13Yabes ba Salum bedii hene, Yuda hene Usia afe a ɛto so aduasa akron mu; na odii hene ɔsram wɔ Samaria.

141 Ah 16.17 Na Gadi ba Menahem fii Tirsa foro baa Samaria, na ɔbɛbɔɔ Yabes ba Salum Samaria kum no, na obedii n’ade.

15Na Salum ho nsɛm nkae ne n’apam a ɔpamee no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.

16Ɛbere no mu no, Menahem fii Tirsa kɔsɛee Tifsa ne nea ɛwɔ mu nyinaa ne ɛho asase, efisɛ wɔanhiɛ no nti, okum wɔn, na ɔpaapaee emu apemfo nyinaa mu.

Menahem di Israel so hene

17Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduasa akron mu na Gadi ba Menahem bedii Israel so hene mfe du Samaria.

182 Ah 15.9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho ne nna nyinaa.

19Asaria hene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ talente apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsam den ahenni no mu.

202 Ah 23.35 Na Menahem gyigyee Israel hɔ tow, mmarima a wobetumi nyinaa hɔ dwetɛ nnwetɛbona aduonum aduonum, sɛ ɔde rekɔma Asaria hene. Ɛnna Asaria hene no sanee, na wannyina asase no so hɔ.

21Na Menahem ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?

22Na Menahem wui, na ne ba Pekahia bedii n’ade.

Pekahia di Israel so hene

23Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduonum mu na Menahem ba Pekahia bedii Israel so hene Samaria mfe abien.

242 Ah 15.9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.

252 Ah 15.10, 14, 30 Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfi aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfo mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na okum no, na obedii n’ade.

26Na Pekahia ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.

Peka di Israel so hene

27Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduonu abien mu na Remalia ba Peka bedii Israel so hene Samaria mfe aduonu.

282 Ah 15.9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.

29 1 Be 5.26 Israel hene Peka bere so na Asaria hene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon ne Abel-bet-maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na otuu wɔn kɔɔ Asiria.

302 Ah 17.1; 15.25 Na Ela ba Hosea pam Remalia ba Peka tiri so, na ɔbɔɔ no kum no, na obedii n’ade Usia ba Yotam afe a ɛto so aduonu mu.

31Na Peka ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛɛ nyinaa, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.

Yotam di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 27.1-9)

32 2 Ah 15.5, 7 Israel hene Remalia ba Peka afe a ɛto so abien mu na Yuda hene Usia ba Yotam bedii hene.

33Obedii hene no, na wadi mfe aduonu anum, na mfirihyia dunsia na odii hene Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok babea.

342 Ah 15.3-4 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Usia yɛɛ nyinaa na ɔyɛe;

35gye sorɔnsorɔmmea na wɔanyi, ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so. Ɔno na osii AWURADE fi pon a ɛkorɔn no.

36Na Yotam ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?

37 2 Ah 16.5 Nna no mu na AWURADE fii ase somaa Siria hene Resin ne Remalia ba Peka baa Yuda so.

38Na Yotam wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kurow mu, na ne ba Ahas bedii n’ade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help