Eksodɔs 24 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔsɔw Apam no ano

1 Deut 11.16 Na Mose de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanyimfo mu aduɔsɔn, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri.

2Na Mose nko ntwiw mmɛn AWURADE, na wɔn de, wonntwiw mmmɛn, na ɔman no ne no mmforo mmma.

3 Eks 19.8 Na Mose bae bɛkaa AWURADE nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no. Na ɔman mu no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a Awurade aka nyinaa, yɛbɛyɛ.

4 Eks 34.27; 1 Ah 18.31 Na Mose kyerɛw Awurade nsɛm no nyinaa. Na otuaa ahema sii afɔremuka bepɔw no ase, ne adum dumien, sɛ Israel mmusuakuw dumien no ano te.

5Eks 3.12 Na ɔsomaa Israelfo no mu mmerante na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyɛw afɔre ne asomdwoe afɔre maa AWURADE.

6Na Mose de mogya no fa guguu nyowa mu, na mogya no fa no nso ohwie guu afɔremuka no so.

7Eks 24.4 Na ɔfaa apam nhoma no, na ɔkenkan guu ɔman no asom. Ɛnna wose: Nea AWURADE aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yebetie.

8Heb 9.19-22 Na Mose faa mogya no petee ɔman no so, na ose: Hwɛ, apam a AWURADE ne mo apam wɔ nsɛm yi nyinaa so no mogya ni.

9Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanyimfo mu aduɔsɔn foro kɔe.

10Hes 1.26 Na wohuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ ade a wɔde hoa bo a emu tew ayɛ, na ne hanahana te sɛ ɔsoro pa ara.

11Eks 33.20-23 Na wanteɛ ne nsa anka Israelfo mu atitiriw no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wodidii na wɔnomee.

12 Eks 31.18 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔw no so bɛtena ha, na mɛma wo abo pon ne mmara ne ahyɛde a makyerɛw, na woakyerɛkyerɛ wɔn.

13Na Mose sɔree, ɔne n'abofra Yosua, na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so.

14Na ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: Mo de, montena ha ntwɛn yɛn nkosi sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn; na hwɛ, Aaron ne Hur ne mo na ɛwɔ hɔ; sɛ obi wɔ asɛm bi di a, momma ɔmmra wɔn nkyɛn.

15Na Mose foro kɔɔ bepɔw no so, na omununkum bɛkataa bepɔw no so.

16Eks 16.10 Na AWURADE anuonyam bɛtenaa Sinai bepɔw so, na omununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛto so ason no, ofi omununkum no mu frɛɛ Mose.

17Deut 4.24; 9.3; Heb 12.29 Na wɔhwɛ AWURADE anuonyam no a, ɛte sɛ ogya a ɛhyew ade wɔ bepɔw no atifi wɔ Israelfo no anim.

18Eks 34.28 Na Mose kɔɔ omununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔw no so; na Mose dii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help