1 Enti wɔka nnɛ ara sɛ AWURADE bepɔw so na wɔbehwɛ.
15Na AWURADE bɔfo fi soro frɛɛ: Abraham bio sɛ,
16Heb 6.13 Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woadi saa asɛm yi, na woankame me wo ba koro no nti, maka me ho ntam sɛ:
17Gye 13.16; 15.5; Heb 11.12; Gye 24.60 Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea, na w'asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so;
18Gye 12.3; Gal 3.16 na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.
19Ɛnna Abraham san baa ne mmerante no nkyɛn, na wɔsɔre siim baa Beer-seba. Na Abraham tenaa Beer-seba.
20 Gye 11.29 Na nsɛm yi akyi no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Hwɛ, Milka nso awo mma ama wo nua Nahor:
21n'abakan Us, ne ne nua Bus, ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya,
22ne Kesed ne Haso ne Pildas ne Yidlaf ne Betuel.
23Gye 24.15 Na Betuel woo Rebeka. Nnipa baawɔtwe yi na Milka wo maa Abraham ne nua Nahor.
24Na ne yere biako bi a wɔfrɛ no Rehuma nso woo Teba ne Gaham ne Tahas ne Maaka.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
