1Asɛm a Amos ba Yesaia hui Yuda ne Yerusalem ho ni:
2
3 Yoh 4.22 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:
Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so,
nkɔ Yakob Nyankopɔn fi,
na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan,
na yɛnnantew n’atempɔn so:
Na Sion na mmara befi,
na AWURADE asɛm afi Yerusalem.
4 Yes 9.4 Na obebu amanaman no ntam atɛn,
na ɔbɛka aman bebree ntam asɛm,
na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw,
ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare;
ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi,
na wɔrensua akodi bio.
Ahantan so atemmu5O Yakob fi,
mommra mma yɛnkɔ,
na yɛnkɔnantew AWURADE hann no mu.
6Na woagyaw wo man,
O Yakob fi,
efisɛ apuei ntafowayifo ayɛ wɔn amaama,
ɛne nkɔmhyɛfo, sɛ Filistifo,
na wɔne ananafo fa ayɔnko.
7 Deut 17.16; Mika 5.10 Dwetɛ ne sika ayɛ wɔn asase so ma,
na wɔn akorade nni ano;
apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so ma,
na wɔn nteaseɛnam nni ano.
8Abosonhuhuw nso ahyehyɛ wɔn asase so ma,
wɔn nsa ano nnwuma na wɔsom,
ade a wɔn nsatea ayɛ.
9Enti wɔbrɛ nnipa ase,
na wɔde mmarima hwe fam:
Mfa mfiri wɔn.
10 Yes 2.19, 21 AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ anuonyam nti,
hyɛn ɔbotan mu,
na fa wo ho kora mfutuma mu.
11 Yes 5.15 Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase,
na mmarima ahomaso ahwe fam,
na wɔama AWURADE nko so ɛda no.
12Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a
ɛbɛba atia nea ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa,
ne nea wɔama so nyinaa so,
13na ɛbɛba atia Lebanon nkyeneduru
a ɛware na ɛkorɔn nyinaa,
ne Basan nnupɔn nyinaa so,
14ne mmepɔw atenten nyinaa,
ne nkoko a wɔama so nyinaa so,
15ne abantenten a ɛkorɔn nyinaa,
ne afasu a ɛyɛ den nyinaa so,
16ne Tarsis ahyɛn nyinaa
ne ahwɛde a ɛyɛ fɛ nyinaa so.
17Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase,
na nnipa ahokyerɛ aba fam,
na wɔama AWURADE nko so ɛda no.
18Na abosonhuhuw no betu ayera koraa.
19 Luka 23.30 Monhyɛn abodan ne abotan mu,
ntokuru ne fam amoa mu,
afi AWURADE ho hu anim,
ne ne kɛseyɛ anuonyam no ho,
da a ɔbɛsɔre abɛwosow asase no.
20Ɛda no nnipa bɛtow
ne dwetɛ abosonhuhuw ne ne sika
abosonhuhuw a wɔyɛ maa no a ɔresom no no akyene
ama akisi ne mpan,
21 2 Te 1.9 na wahyɛn abotan ntokuru
ne abo mpaepae mu, afi
AWURADE ho hu anim,
ne ne kɛseyɛ anuonyam no ho,
da a ɔbɛsɔre abɛwosow asase no.
22 Gye 2.7 Montwe mo ho mfi onipa
a ahome wɔ ne hwenem no ho,
na wobu no dɛn koraa?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.