Ɔsɛnkafo 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Mpɛ ntɛm nhyɛ bɔ

1 1 Sa 15.22 Sɛ worekɔ Onyankopɔn fi a, wɛn w’anan, na wobɛn kotie a, eye sen nkwasea afɔrebɔ; na wɔn de, wonnim sɛ wɔyɛ bɔne.

2 Yak 1.19 Mma w’ano nnyɛ birebire, na wo koma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi, Onyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo de, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

3 Ɔsɛ 10.14; Mmb 10.19 Na adaeso nam ɔbrɛdwen mu na ɛba, na ɔkwasea nne nso nam nsɛm dodow mu.

4 Deut 23.21 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, efisɛ onni nkwasea ho koma pa bi: Nea woahyɛ bɔ no, ma!

5Efanim sɛ woanhyɛ bɔ sen sɛ woahyɛ bɔ na womma.

6Mal 2.7 Mma w’ano ne wo honam nnyɛ bɔne, na nka ɔbɔfo no anim sɛ: Ɛyɛ mfomso. Ɛdɛn nti na Onyankopɔn bo mfuw wo nne na ɔnsɛe wo nsa ano adwuma.

7Na nea ɛnam so ba ne adaeso, ahuhude ne nsɛnnodow; na Onyankopɔn mmom na suro no.

Abrabɔ yɛ ahuhude

8Sɛ wuhu sɛ wɔhyɛ ɔbrɛfo so, na atemmu ne trenee anidan wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiriw wo saa asɛm no ho, na nea ɔso no, nea ɔso sen no hwɛ no, na nea ɔso koraa no wɔ wɔn so.

9Na ne nyinaa mu mfaso ne sɛ: Ɔhene bi wɔ hɔ, ma asase a wɔdɔw so no.

10 Mmb 28.22 Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso. Eyi nso yɛ ahuhude.

11Nea nnepa redɔɔso no, na adidifo nso redɔɔso, na yiyedi bɛn na ɛwom ma nneɛma no wuranom, sɛ ɔhwɛ a wɔn aniwa hwɛ nko?

12Odwumayɛfo didi kakraa oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefo mee no mma onnya adaye.

13Bɔne bi a ɛyɛ yaw wɔ hɔ a mahu owia ase: Ɛne Ahonyade a wɔn wuranom kora so ma wɔn ara mmusu.

14Na ahonyade no sɛe adwuma bɔne mu, na wawo ɔba a, biribiara nka ne nsam.

15Hiob 1.21; Nnw 49.17 Sɛnea ofi ne na yam adagyaw mu bae no, saa ara na ɔbɛsan akɔ, sɛ ɔbae no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bekita ne nsam akɔ.

16Na eyi nso yɛ bɔne a ɛyɛ yaw, sɛnea ɔbae no ara, saa ara na ɔbɛkɔ, na ɛyɛ no mfaso bɛn sɛ ɔbrɛɛ ɔbrɛ hunu?

17Nso ne nna nyinaa, esum mu na odii, na n’abohuru ne ne yare ne n’awerɛhow dɔɔso.

Ɔpene

18 Ɔsɛ 2.24; Mmb 15.15 Hwɛ, nea mahu sɛ eye ne sɛ, ɛyɛ fɛ sɛ obi didi na ɔnom na ohu papa ne brɛ a ɔbrɛ owia ase no nyinaa mu, ne nkwa nna dodow a Onyankopɔn de ma no; ne ne de.

19Nso onipa biara a Onyankopɔn ma no ahonyade ne adedodow, na ɔma no ho kwan sɛ onni bi na ɔmfa sɛ ne kyɛfa, na n’ani nnye ne brɛ mu no, eyi nso, Onyankopɔn akyɛde ne no.

20Na ɔnkae ne nkwa nna bebree bi, efisɛ Onyankopɔn agye no so ama no ne koma anigye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help