Marko 7 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Atetesɛm ho nkyerɛkyerɛ(Mateo 15.1-20)

1Na Farisifo ne kyerɛwfo no mu binom a wofi Yerusalem bae behyiaa ne nkyɛn.

2

Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni,

na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.

7 Na wɔsɔre me kwa,

na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

8 Na moagyaw Onyankopɔn ahyɛde kura nnipa atetesɛm mu.

9Na osee wɔn sɛ: Moayɛ ade sɛ mokwae Onyankopɔn ahyɛde sɛ ɛbɛyɛ na mubedi mo atetesɛm so!

10

12ana momma ɔnyɛ biribi mma n’agya anaa ne na bio,

13na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm no, na nneɛma a ɛte sɛ eyinom pii na moyɛ.

14Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa muntie, na monte ase!

15Siro-Foinikeni bea bi gyidi(Mateo 15.21-28)

24Na ɔsɔre fii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ ofi bi mu, na wampɛ sɛ obiara te; nanso wantumi anhintaw.

25Na amonom hɔ ara ɔbea bi a ne babea kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase;

26nso na ɔbea no yɛ Helani, na n’awo mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ontu honhommɔne no mfi ne babea no mu.

27Na osee no sɛ: Ma mma mmee ansa; na ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma.

28Na ɔbea no buaa see no sɛ: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma a wɔwɔ ɔpon ase no nso di mmofra no mporoporowa no bi!

29Na Yesu see no sɛ: Asɛm yi nti kɔ! Honhommɔne no afi wo babea no mu.

30Na ɔkɔɔ ne fi no, okohui sɛ honhommɔne no afi kɔ, na ne babea no da mpa so.

Ɔdodowpofo bi ayaresa

31 Mat 15.29-31 Na ofii Tiro ahye so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahye so.

32Mat 5.23 Na wɔde ɔsotifo bi a ɔpo dodow brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nto no so.

33Mar 8.23 Na Yesu faa no fii nkurɔfokuw no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsatea hyehyɛɛ n’asom, na ɔtoo ntasu de kaa ne tɛkrɛma,

34Mar 6.41; Yoh 11.41 na ɔhwɛɛ ɔsoro guu ahome, na osee no sɛ: Efata! Ɛne sɛ: Bue!

35Na n’aso buei, na ne tɛkrɛma hama no sanee ntɛm ara, na otumi kasae.

36Mar 1.43-45 Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso mpɛn dodow a ɔkɔ so bra wɔn no, na wɔkɔ so pae mu ka.

37Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wɔkae sɛ: Wayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo te asɛm, na ɔma mumu kasa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help