1 Adi 11.15 Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ:
Haleluia!
Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea;
2 Adi 16.7; 6.10; Deut 32.43 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene,
sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ
a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn,
na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.
3 Yes 34.10 Na wɔkaa bio sɛ:
Haleluia!
Na ne wisie foro soro daa daa.
4 Adi 5.14; Dwom 106.48 Na mpanimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ baanan no koto sɔree Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no sɛ:
Amen, Haleluia!
5Na ɛnne bi firii ahennwa no mu teaa mu sɛ:
Monyi yɛn Nyankopɔn ayɛ,
mo a moyɛ ne nkoa
ne mo a mosuro no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa.
6 Adi 11.15; 11.17 Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuo kɛseɛ nne, ne nsuo bebree nne, ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ:
Haleluia,
ɛfiri sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn,
ade nyinaa so tumfoɔ no, adi hene.
7 Dwom 118.24; Adi 21.2; 21.9 Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ahurisie,
na yɛnhyɛ no animuonyam,
ɛfiri sɛ Adwammaa no ayeforɔhyia adu,
na ne yere asiesie ne ho.
8 Dwom 45.13-14; Yes 61.10 Na wɔde nwera pa a
ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira.
Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.
9 Luka 14.15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.
10Adi 22.8-9; Aso 10.25-26; Adi 12.17 Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.
Ɔgyefoɔ no ho anisoadehunu kɛseɛ11 Adi 6.2; 1.5; 3.14; Yes 11.4-5 Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.
12Adi 1.14; 2.18; 3.12 Na n’ani te sɛ ogyaframa, na ahemmotire pii bobɔ ne ti; na wɔatwerɛ ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.
13Yes 63.1-2; Yoh 1.1 Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Nyankopɔn Asɛm.
14Adi 17.14 Na ɛdɔm a wɔwɔ soro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho teɛ.
15Adi 12.5; Dwom 2.9; Adi 14.19-20; Yes 63.3 Na afena nnamnnam bi firi n’anomu a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn. Na ɔno na ɔtiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuo a ɛyɛ den no nsa-kyi-amena no soɔ.
16Adi 17.14; 1 Ti 6.15 Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ n’atadeɛ ne n’asene mu sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.
Wɔdi aboa no ne n’asraafoɔ no so nkonim17 Hes 39.4; 39.17-20 Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu ka kyerɛɛ nnomaa a wɔtu wɔ wiem nyinaa sɛ: Mommra mmɛhyia Nyankopɔn adidie kɛseɛ no ase
18mmɛdi ahemfo nam, asafohene nam, atumfoɔ nam, apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ nam, adehyeɛ ne nkoa, nketewa ne akɛseɛ nyinaa nam.
19Adi 17.12-14; 16.14; 16.16 Na mehunuu aboa no ne asase so ahemfo ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ano, na wɔne deɛ ɔte pɔnkɔ fitaa no soɔ no ne ne dɔm rebɛdi ako.
20Adi 13.1; 13.11-17; 20.10; Dan 7.11; 7.26 Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.
21Na wɔde deɛ ɔte pɔnkɔ no soɔ afena a ɛfiri n’anomu no kunkumm wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.