2 Berɛsosɛm 20 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Atamfoɔ ba bɛtu sa

1Na ɛbaa sɛ ɛno akyiri no, Moabfoɔ, Amonfoɔ ne Maonfoɔ no mu binom a wɔka wɔn ho no baa Yehosafat so sɛ wɔne no rebɛko.

2Na wɔbɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɛdɔm kɛseɛ bi firi po no agya firi Edom reba wo so, na hwɛ, wɔwɔ Hasason-tamar (a ɛne En-gedi no).

3Na Yehosafat suroe, na ɔyeree ne ho hwehwɛɛ AWURADE, na ɔpaee abuadadie Yuda nyinaa mu.

42 Be 15.9-15 Na Yudafoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔrebɛhwehwɛ AWURADE hɔ mmoa. Yuda nkuro nyinaa mu na wɔfiri ba bɛhwehwɛɛ AWURADE.

5Na Yehosafat sɔre gyinaa Yuda ne Yerusalem badwa no mu AWURADE fie abannwa foforɔ no anim,

61 Be 29.12; 2 Be 14.11 na ɔkaa sɛ: AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn, ɛnyɛ wone Onyankopɔn wɔ soro, na wo ara na wodi amanaman ahennie nyinaa soɔ? Na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agyina w’anim.

7Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wotuu asase yi sofoɔ firii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefoɔ sɛ wɔntena so daa?

8Na wɔatena so, na wɔasi wo kronkronbea wɔ so maa wo din sɛ:

92 Be 6.28-30 Sɛ bɔne bi, sɛ afena, atemmuo anaa ɔyaredɔm, sɛ ɛkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abɛgyina efie yi anim ne w’anim, ɛfiri sɛ wo din wɔ efie yi mu, na yɛafiri yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn.

10Deut 2.4-5, 9, 19 Na afei, hwɛ, Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn soɔ, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no, na mmom wɔdane firii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no,

11hwɛ, deɛ wɔde retua yɛn ka ne sɛ wɔaba rebɛtu yɛn afiri w’agyapadeɛ a wɔde maa yɛn sɛ yɛnni soɔ no soɔ.

12Yɛn Nyankopɔn, woremmu wɔn atɛn? Na yɛnni tumi a yɛde regyina ɛdɔm bebree yi a wɔreba yɛn soɔ yi anim. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.

Yehosafat mpaebɔ tie

13Na Yudafoɔ nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma.

14Na Matania ba Yeiel ba Benaia ba Sakaria ba Yehasiel a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Asaf mma mu no, AWURADE honhom baa ne so badwa no mu,

15Eks 14.14 na ɔkaa sɛ: Yuda nyinaa ne Yerusalemfoɔ ne Ɔhene Yehosafat, montie! Sɛ AWURADE se mo nie: Mo deɛ, monnsuro na mo akoma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn.

16Ɔkyena, monsiane nkɔ wɔn so, hwɛ, wɔreforo Sis aforoeɛ aba, na mobɛkɔ akɔto wɔn bonhwa no awieeɛ Yeruel serɛ anim.

17Ɛnyɛ mo deɛ sɛ mobɛko yei mu, gyina nko ara na monkɔgyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagyeɛ. Yuda ne Yerusalem, monnsuro na mo akoma nntu, ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na AWURADE bɛdi mo akyi.

18Ɛnna Yehosafat koto de n’anim butuu fam, na Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ no nyinaa hwehwee fam AWURADE anim sɔree AWURADE.

19Na Lewifoɔ a wɔfiri Kohatfoɔ mma mu ne Korafoɔ mma mu no sɔree sɛ wɔde ɛnne kɛseɛ pa ara reyi AWURADE Israel Nyankopɔn no ayɛ.

20Yes 28.16 Na wɔsɔree anɔpatutu, na wɔfirii adi kɔɔ Tekoa serɛ so. Na wɔrefiri adie no, Yehosafat gyinae na ɔkaa sɛ: Yuda ne Yerusalemfoɔ, montie me. Monnye AWURADE mo Nyankopɔn nni, na mobɛtim, na monnye n’adiyifoɔ no nni, na mobɛdi yie.

21Dwom 106.1 Na ɔne ɔman no tuu agyina, na ɔyiyii nnwontofoɔ a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefiri adie no, wɔdii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkaa sɛ:

Monna AWURADE ase,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

22Na ɛberɛ a wɔrefiri dwontoɔ ne ayeyie aseɛ no, AWURADE maa atɛfoɔ baa Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ sofoɔ a wɔbaa Yuda soɔ no so, na wɔkaa wɔn gui.

23 1 Sa 14.20 Na Amonfoɔ ne Moabfoɔ no sɔre tiaa Seir bepɔ sofoɔ no sɛee wɔn pasapasa. Na wɔwiee Seirfoɔ no, wɔboaa wɔn ho wɔn ho kunkumm wɔn ho wɔn ho.

24Na Yuda duruu ahwɛeɛ a ɛhwɛ ɛserɛ soɔ, na wɔdanee wɔn ani hwɛɛ dɔm kɛseɛ no, na hwɛ, wɔn afunu na ɛgugu fam, na obi amfiri mu amfi.

25Na Yehosafat ne ne dɔm no kɔ kɔfomm wɔn asadeɛ no, na wɔhunuu wɔn mu ahodeɛ ne ntadeɛ ne nnwinneɛ a ɛyɛ fɛ pii pa ara, na wɔtase fae a na wɔntumi nsoa, na wɔde nnansa fomm asadeɛ no, ɛfiri sɛ na ɛdɔɔso bebree.

26Na da a ɛtɔ so nnan no, wɔboaboaa wɔn ano wɔ Beraka Bonhwa no mu, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔhyiraa AWURADE, enti na wɔfrɛ ɛhɔ din sɛ “Beraka-Bonhwa” de bɛsi nnɛ.

27Na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa sanee, na Yehosafat di wɔn anim, na wɔde anigyeɛ sane baa Yerusalem. Na AWURADE maa wɔn ani gyee wɔn atamfoɔ ho.

28Na wɔkurakura mmɛnta ne asankuten ne ntotorobɛnto baa Yerusalem bɛhyɛnee no AWURADE fie.

29Na wɔtee sɛ AWURADE ne Israel atamfoɔ ako no, Nyankopɔn ho hu kaa nsase so ahennie nyinaa.

302 Be 15.15 Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae.

Yehosafat ne Ahasia ntam apam(1 Ahemfo 22.41-50)

31Na Yehosafat dii Yuda so hene. Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba.

32Na ɔnantee n’agya Asa kwan so, na wammane amfiri so, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so.

33Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, na ɔman no nnya nsiesiee wɔn akoma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn no.

34Na Yehosafat ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Hanani ba Yehu nsɛm a wɔde hyɛɛ Israel ahemfo nwoma mu no mu.

35 1 Ah 22.51-53 Na ɛno akyiri no, Yudahene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ɔdii nsɛmmɔne no pamee.

36Na ɔne no pam sɛ wɔbɛyeyɛ ahyɛn akɔ Tarsis, na wɔpempam ahyɛn no Esion-geber.

37Na Dodafahu ba Eliesa a ɔfiri Maresa hyɛɛ Yehosafat ho nkɔm sɛ: Sɛ wo ne Ahasia apam nti, AWURADE asɛe wo nnwuma. Na ahyɛn no bobɔe, na wɔantumi ankɔ Tarsis.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help