Hiob 20 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Sofar kasa sɛ: Abɔnefoɔ yiedie nkyɛ

1 Hiob 15.18 Ɛnna Naamani Sofar buaa sɛ:

2Me ho pere me nti,

m’adwene yɛ me sɛ memmua.

3Mate atenetene a asopa me,

nanso honhom firi me nhunumu mu bua me.

4Wonnim yei a ɛfiri tete,

ɛfirii sɛ wɔde nnipa sii asase soɔ no,

5sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ,

na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?

6 Dwom 37.35 Sɛ ne kɛseyɛ korɔn kɔpem ɔsoro,

na ne tiri kɔka mununkum a,

7 1 Ah 14.10 ɔbɛyera koraa sɛ ne sɛbeɛ;

wɔn a wɔhu no no bɛbisa sɛ: Ɔwɔ he?

8 Dwom 73.20 Ɔbɛtu akɔ sɛ daeɛ, na wɔrenhu no,

na wɔbɛpamo no akɔ sɛ anadwo adehunu.

9 Dwom 37.10 Aniwa a ahu no renhu no bio,

na ne tenabea renhu no bio.

10 Hiob 27.14 Ne mma bɛpata mmɔborɔfoɔ,

na ne nsa adane n’ahodeɛ ama.

11Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden hyɛɛ ne nnompe mama,

na afei ɛne no abɛda dɔteɛ mu.

12Sɛ adebɔne yɛɛ n’anomu fremfrem,

na ɔde siee ne tɛkyerɛma ase,

13na ɔdii adɔna na wannyaa mu,

na ɔmaa no kaa ne dodom a,

14afei deɛ n’aduane asakyera ne nsono mu,

nhuritia borɔ wɔ ne yam.

15Wamene adedodoɔ, na ɔbɛfe bio,

Onyankopɔn bɛtu afiri ne yam.

16Ɔbɛfefe ahuritia borɔ,

na ɔprammire tɛkyerɛma bɛku no.

17N’ani rennye nsuwansuwa ho,

ɛwoɔ ne nufosuo ani sradeɛ asuasu nsubɔntene ho.

18 Deut 28.30-33 Ɔbɛdane deɛ wabrɛ ho ama,

na ɔremmene,

n’adeɛ a wanya no, ɔrenni ho ahurisie,

sɛdeɛ ne dodoɔ teɛ no.

19Ɛfiri sɛ wapɛkyɛ mmɔborɔfoɔ apo wɔn,

na wafa efie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ.

20Ɛnam sɛ ne yafunu ammee da nti,

ɔrenkora deɛ n’ani gye ho no biara.

21Wannidi annya bi da,

enti n’ahonyadeɛ rentena hɔ.

22N’adedodoɔ mayɛ mu ne ho bɛhiahia no,

amanehunufoɔ nyinaa nsa bɛba ne so.

23Ɔbɛma n’abufuhyeɛ aba ne so

ama no de ahyɛ n’afuru ma,

na ɔbɛma no atɔ agu ne so de ayɛ n’aduane.

24Ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano a,

kɔbere mfrafraeɛ agyan bɛwɔ no ahwire ne mu;

25 Dwom 7.12; Deut 32.41 ɔtu firi ne honam mu

na agyan no firi ne bɔnwoma mu a,

owuo ho hu bɛtɔ ne so.

26 Deut 32.22 Wɔde sum nyinaa asie n’akoradeɛ,

ogya a obi mfite mu bɛhye no,

ɛbɛhye deɛ aka ne ntomadan mu.

27Ɔsoro bɛyi n’amumuyɛ adi,

na asase bɛsɔre atia no.

28Wɔbɛsoa ne fie ahonyadeɛ akɔ,

wɔbɛtwe akɔ, n’abufuo da no.

29Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn,

ne n’agyapadeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ama no no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help