1AWURADE, wo ne wɔn a wɔne me ham no nham,
wo ne wɔn a wɔne me ko no nko!
2 Dwom 7.12-13 Sɔ ɛkyɛm ne nkatanim mu,
na sɔre bɛboa me.
3Twe pea na si wɔn a wɔtaa me no kwan,
ka kyerɛ me kra sɛ: W’agyenkwa ne me!
4 Dwom 40.14 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me wuo no anim ngu ase na wɔn ani nwu,
ma wɔn a wɔpɛ me bɔne no mfa ahohora nsane wɔn akyi!
5Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ, mframa anim,
na ma AWURADE bɔfoɔ nsum wɔn ngu!
6Ma wɔn akwan mu nnuru sum na ɛnyɛ torotorotoro,
na AWURADE bɔfoɔ ntaa wɔn!
7 Dwom 35.19 Na wɔasum me fidie wɔn amena mu kwa,
na wɔatu me kra amena kwa.
8 Dwom 9.15 Ma ɔsɛeɛ mmɛfiri no awora,
na ma ne fidie a wasum ahunta no nyi no,
ma ɔmfa bubububu nhwe mu!
9Na me kra bɛdi ahurisie AWURADE mu,
na ne ho asane no, ne nkwagyeɛ mu.
10Me nnompe nyinaa bɛka sɛ:
AWURADE, hwan na ɔte sɛ wo
a wogye ɔmanehunufoɔ
deɛ ɔyɛ den sene no no nsam
ne ɔmanehunufoɔ ne ohiani firi ne dwotwafoɔ no nsam.
11Adansefoɔ nkontompofoɔ sɔre;
adeɛ a mennim na wɔbisa me.
12 Dwom 38.20 Wɔde bɔne tua me papa ka,
me kra adi basugya.
13 Rom 12.15; Hiob 31.29 Na me deɛ, wɔyare a,
mefira ayitoma,
mede mmuada mebrɛɛ me kra ase,
na mebɔɔ mpaeɛ maa no sane bɛguu me kokom.
14Meyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛ m’adamfo ne me nua,
mesii me tiri ase twann
sɛ obi a ɔregyam ne na.
15Na ɛnam sɛ merekɔhwe aseɛ nti,
wɔn ani gye na wɔbɔ kyenku,
nkwahumafoɔ ne nnipa a mennim wɔn bɔ me so kyenku,
wɔya ara na wɔnnyae.
16 Hiob 16.9 Sɛ asansanfoɔ pɛ nkyewankyewa ho tena di fɛw no,
wɔtwɛree wɔn se guu me so.
17 Dwom 22.20 AWURADE, wobɛhwɛ ara akɔsi da bɛn?
Gye me kra firi wɔn sɛeɛ mu,
m’ade korɔ firi agyata nsam!
18 Dwom 22.22 Mɛda wo ase edwa kɛseɛ mu,
mɛyi wo ayɛ ɔman dodoɔ mu.
19 Dwom 25.19; 69.4; Yoh 15.25 Mma m’atamfoɔ atorofoɔ no
ani nnnye me ho,
mma wɔn a wɔtane me kwa no mmmu me anikyeɛ!
20Na wɔnka asomdwoeɛ nsɛm,
na wɔdwene nkontomposɛm tia
wɔn a wɔdwo, asase so.
21 Dwom 40.15 Na wɔtrɛ wɔn anomu bayaa wɔ me so,
wɔse: Wiɛ, wiɛ,
yɛn ani ahunu!
22AWURADE, woahunu, mmua w’ano,
AWURADE, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri!
23 Dwom 44.23 Nyane, na sɔre bɛbu me atɛn,
me Nyankopɔn ne m’AWURADE, bɛdi m’asɛm!
24AWURADE, me Nyankopɔn, fa wo tenenee so bɛbu me atɛn,
na mma wɔn ani nnnye me ho!
25Mma wɔnnka no wɔn akoma mu sɛ:
Wiɛ, deɛ yɛpɛ ni!
Mma wɔnnka sɛ: Yɛamene no.
26 Dwom 35.4 Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa,
ma wɔn ani nwu na wɔn anim ngu ase.
Wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no,
ma aniwuo ne ahohora nsi wɔn aduradeɛ!
27 Dwom 40.16 Wɔn a me tenenee sɔ wɔn ani no,
ma wɔnni ahurisie na wɔn ani nnye;
ma wɔnka daa sɛ:
Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ,
sɛ n’akoa yiedie sɔ n’ani.
28Na me tɛkyerɛma bɛka wo tenenee
ne w’ayeyie daa nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.