1 Yos 8 Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasapasa, ne sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso,
2Yos 9 ne sɛ Gibeonfoɔ ne Israel adi asomdwoeɛsɛm na wɔaba wɔn mu no, wɔsuroo papaapa, ɛfiri sɛ Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te sɛ ahennie nkuro no bi, na ɛso sene Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.
3Na Yerusalemhene Adoni-sedek soma maa wɔkɔɔ Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir nkyɛn sɛ:
4Mommra me nkyɛn mmɛboa me, na yɛnkunkum Gibeon, ɛfiri sɛ wɔne Yosua ne Israelfoɔ no akɔdi asomdwoeɛsɛm.
5Na Amorifoɔ ahemfo baanum boaboaa wɔn ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛkyeree Gibeon so nsraban sɛ wɔne wɔn rebɛko.
6Ɛnna Gibeonfoɔ no soma maa wɔbaa Yosua nkyɛn Gilgal nsraban no mu sɛ: Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn bɛgye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifoɔ a wɔte mmepɔ soɔ ahemfo nyinaa abɛhyia atia yɛn.
7Ɛnna Yosua firii Gilgal foro kɔeɛ, ɔno ne akofoɔ no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa.
8Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.
9Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo firii Gilgal baeɛ.
10Na AWURADE tanee wɔn ani Israel anim, na wɔde okunkɛseɛ kunkumm wɔn wɔ Gibeon, na wɔtii wɔn Bet-horon aforoeɛ kwan no so, na wɔkunkumm wɔn de kɔsii Aseka ne Makeda.
11Eks 9.22-25 Na wɔredwane afiri Israel anim na wɔkɔduruu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totoo aboɔ akɛseɛ firi soro guguu wɔn so de kɔduruu Aseka maa wɔwuwui, wɔn a asukɔtweaa no kunkumm wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ no kunkumm wɔn nkrantɛ ano no.
Owia ne ɔsrane di Yosua asɛm so12Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifoɔ maa Israel anim no, na ɔkaa no Israel anim sɛ:
Owia, twɛn wɔ Gibeon,
ne ɔsrane, wɔ Ayalon bonhwa mu.
13 Hab 3.11; 2 Sa 1.18 Na owia twɛnee, na ɔsrane gyinae
de kɔsii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfoɔ so were.
Wɔntwerɛɛ yei Teefoɔ Nwoma no mu? Na owia gyinaa ɔsoro mfimfini, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu.
14Yos 10.42; Eks 14.25 Na ɛda bi mmae sɛ ɛno, anim anaa akyire a AWURADE atie onipa nne, ɛfiri sɛ AWURADE ko maa Israel.
15Na Yosua sane ne Israel nyinaa baa Gilgal nsraban no mu.
16Na ahemfo baanum yi dwane kɔhuntaa Makeda ɔbodan no mu.
17Na wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛahunu ahemfo baanum no sɛ wɔahunta Makeda ɔbodan no mu.
18Na Yosua kaa sɛ: Monkɔmuni aboɔ akɛseɛ nhini ɔbodan no ano, na momfa mmarima nnyina ho mma wɔnwɛn wɔn.
19Na mo deɛ, monnnyina hɔ, monti mo atamfoɔ no, na monkum wɔn kyidɔm no; mommma wɔnnnuru wɔn nkuro mu, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa.
20Na Yosua ne Israelfoɔ no de okunkɛseɛ pa kunkum wɔn wieeɛ maa wɔsaeɛ no, na nnipa a wɔfirii mu no dwanedwane kɔhyɛnehyɛnee nkuro a wɔatoto ho afasuo mu,
21na ɔman no nyinaa sane baa nsraban no mu Yosua nkyɛn wɔ Makeda dwoodwoo. Obiara antwe ne tɛkyerɛma antia Israelfoɔ no.
22Na Yosua kaa sɛ: Mommue ɔbodan no ano, na monyi ahemfo baanum no mfiri ɔbodan no mu mmrɛ me.
23Na wɔyɛɛ saa, na wɔyiyii ahemfo baanum no firii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene.
24Na wɔde ahemfo yi firi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔsee mmarima akofoɔ a wɔne no kɔeɛ no asafohene no sɛ: Montwe mpini mfa mo nan mmɛsisi ahemfo yi kɔn so. Na wɔtwe pinii de wɔn nan bɛsisii wɔn kɔn so.
25Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na mo akoma nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara na AWURADE bɛyɛ mo atamfoɔ a mo ne wɔn ko no nyinaa.
26Na ɛno akyiri no, Yosua bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn, na ɔde wɔn sensɛnee nnua nnum so, na wɔsensɛnee nnua no so kɔsii anwummerɛ.
27Yos 8.29; Deut 21.23 Na owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛe maa wɔyiyii wɔn firii nnua no so, na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔkɔhuntaa mu no mu, na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi ara.
28 Yos 6.21 Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.
29Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Makeda kɔɔ Libna, na ɔne Libna kɔkoeɛ.
30Na AWURADE de ɛno nso hyɛɛ Israel nsa ne emu hene, na ɔde nkrantɛ ano kumm akra a wɔwɔ mu no nyinaa, wamma obiara anka wɔ mu, na ɔyɛɛ ne hene no sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.
31Na Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Libna kɔɔ Lakis, na ɔkyeree so nsraban, na ɔne wɔn koe.
32Na AWURADE de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na wɔfae, da a ɛtɔ so mmienu no, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne akra a wɔwɔ mu nyinaa, sɛdeɛ ɔyɛɛ Libna no ara.
33Ɛno mu no Geser hene Horam foro ba bɛboaa Lakis. Na Yosua kumm no ne ne man nyinaa de kɔsii sɛ wamma no anka no obiara.
34Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Lakis kɔɔ Eglon, na wɔkyeree so nsraban, na wɔne wɔn koe.
35Na wɔfae, da no ara, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne nnipa a ɛwɔ mu nyinaa; da no ara na ɔsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ ɔyɛɛ Lakis no ara.
36Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa foro firii Eglon kɔɔ Hebron, na ɔne wɔn koe.
37Na wɔfae de nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne emu hene ne wɔn nkuro no nyinaa ne akra a ɛwɔ mu nyinaa. Wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Eglon no ara, na ɔsɛee ɛno ne akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa.
38Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa sane baa Debir ne no bɛkoeɛ.
39Na ɔfae, ne ne hene ne ne nkuro nyinaa, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.
40 Num 21.2; Deut 20.16-18 Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔ no ne Negeb ne ɛpo ho mpaperɛ so ne mmepɔ ase ne wɔn ahemfo nyinaa; wannya odwanefoɔ biara, na adeɛ biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasapasa, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛeɛ no.
41Na Yosua kunkumm wɔn firii Kades-barnea kɔduruu Gasa ne Gosen asase no nyinaa kɔduruu Gibeon.
42Yos 10.14 Na ahemfo yi nyinaa ne wɔn asase no Yosua faa no prɛko, ɛfiri sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ko maa Israel.
43 Yos 10.15 Na Yosua ne Israel a wɔka ne ho no nyinaa sane baa Gilgal nsraban no mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.