2 Berɛsosɛm NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUKronika anaa Berɛsosɛm nwoma a ɛtɔ so mmienu no hyɛ aseɛ firi faako a deɛ ɛdi kan no wieeɛ. Ɛfiri aseɛ kasa fa Ɔhene Salomo adedie ne ne wuo ho. Ɔde Yeroboam a ɔdii atifi fam mmusuakuo atuateɛ wɔ Salomo ba Rehoboam so na ɛwieeɛ. N’amanneɛbɔ no fa kɛseɛ gyina Yuda a ɛwɔ anafoɔ ahemman no so, de kɔsi berɛ a Yerusalem sɛeɛ wɔ afe ahanum aduɔwɔtwe nsia (586), ansa na wɔrewo Yesu.EMU NSƐMSalomo adedie 1.1—9.311. Mfeɛ a ɛdi kan no 1.1-172. Wɔsii Asɔredan no 2.1—7.103. Mfeɛ a ɛdi akyire no 7.11—9.31Atifi fam mmusuakuo atuateɛ 10.1-19Yuda ahemfo no 11.1—36.12Yerusalem sɛeɛ 36.13-23
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help