Nahum 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Aweretɔ ne adom Nyankopɔn

1Elkosini Nahum adehunu nwoma a ɛfa Ninewe atemmuo ho.

2 Eks 20.5; Deut 4.24 Onyankopɔn yɛ ninkufoɔ, AWURADE ne weretɔfoɔ.

Ampa ara, AWURADE tɔ were, na abufuo tumi hyɛ no ma.

AWURADE tɔ n’ahohiahiafoɔ so were,

na n’abufuo wɔ hɔ ma n’atamfo.

3 Eks 34.7 AWURADE bo kyɛre fu, na n’ahoɔden so,

na ɔremmu fɔdifoɔ bem ara da.

AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ,

na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.

4Ɔteatea ɛpo ma no we,

na ɔma nsutene nyinaa mem;

Basan ne Karmel twintwam,

Lebanon nhwiren nso twintwam;

5 Dwom 97.5 mmepɔ woso n’anim,

na nkokoɔ hono;

asase woso n’anim,

aane wiase ne wɔn a ɛte mu nyinaa mpo.

6Hwan na ɔbɛgyina n’abohuro anim,

na hwan na ɔbɛsɔre atia n’abufuo no?

N’anibereɛ hwie sɛ ogya,

na abotan bubu n’anim.

7 Deut 4.31; Dwom 1.6 AWURADE yɛ,

ɔyɛ dwanekɔbea hiada mu,

na ɔnim wɔn a wɔdwane kɔtoa no.

8Na n’atamfo deɛ

ɔde nsuo a ayiri sram soɔ bɛma wɔn sibea ayera,

na wati wɔn akɔduru esum mu.

9Atamfoɔ, ɛdeɛn na modwene no AWURADE ho?

Ɔbɛwie mo korakora,

morensɔre ntia no mprenu.

10Na sɛ motoatoam sɛ nwerɛ na mo nsaden nso abobo mo mpo a, mobɛhye koraa

sɛ nkyɛnkyɛmma dwaneeɛ.

11Ninewe, wo mu na

deɛ ɔdwene AWURADE ho bɔne,

deɛ ɔtuu agyina huhuo no fire.

12Sɛ AWURADE seɛ nie:

Sɛ mo ho yɛ den na wɔdɔɔso saa mpo a,

wɔbɛtwitwa mo agu na moatwam akɔ.

Ao Yuda, sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a,

afei deɛ meremmrɛ wo ase bio;

13na afei mɛbubu Ninewe kɔnnua afiri wo so,

na matete wo nkyehoma mu.

14Na wo Ninewe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ,

wo din bɛyera afiri asase so.

Mɛtwitwa ohoni a wɔasene ne oguo honi

afiri wo nyame fie;

mɛbɔ wo damena, ɛfiri sɛ woadane ayɛ atantanneɛ.

15 Yes 52.7; Nah 1.11 Hwɛ, mmepɔ so na

asɛmpakafoɔ nan wɔ,

wɔreka asomdwoeɛsɛm!

Yuda, di wo nnapɔnna,

ma w’aboadeɛ,

na ohuhuni no remfa wo mu bio,

wɔatwa no atwene koraa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help