Yesaia 42 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

AWURADE akoa no

1 Yes 49.1-6; 52.13; 41.8; Mat 12.18-21; 3.17 Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie,

deɛ mayi no a me kra ani sɔ no;

mede me honhom magu ne so;

ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.

2Ɔrenteam na ɔremma ne nne so,

na ɔremma wɔnte ne nne abɔntene so;

3 Dwom 34.18 demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu,

na kanea mu asaawa a ɛrefiri wisie no, ɔrennum;

nokorɛ mu na ɔbɛyi atemmuo adie.

4N’asɛm ano rennwo, na ɔrempa aba

de bɛkɔ akɔsi sɛ ɔde atemmuo tenenee bɛsi asase soɔ,

na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.

5Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie,

deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu,

na ɔyerɛɛ asase ne so afifideɛ nyinaa,

na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfoɔ,

na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ no seɛ nie:

6 Yes 49.6, 8 Me, AWURADE, mafrɛ wo tenenee mu,

na masɔ wo nsa, na makora wo,

na mede wo mayɛ ɔman apam

ne amanaman hann

7 Yes 35.5 sɛ: Bue ani a afira,

yi apokyerɛfoɔ firi afiase

ne wɔn a wɔtete sum mu firi nneduadan mu.

8 Eks 3.15; Yes 48.11 Mene AWURADE, me din ne no,

na meremfa m’animuonyam mma obi,

na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.

9 Yes 41.2, 27 Akane deɛ no, hwɛ, aba mu,

na nnoɔma foforɔ na merekyerɛ,

ɛnnya mfifiriiɛ yi

merema moate.

Nkwagyeɛ a ɛdi mu no

10Monto dwom foforɔ mma AWURADE,

momfiri asase ano nto n’ayeyie dwom;

mo a mokɔ ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa aseɛ,

nsuo ano aman ne wɔn a wɔtete soɔ.

11Anwia pradada so ne ɛso nkuro mma wɔn nne so,

nkurowa a Kedar te soɔ no;

ma wɔn a wɔte Sela nto ahurisie dwom,

wɔmfiri mmepɔ atifi mmɔ ahosɛpɛ se.

12Ma wɔnhyɛ AWURADE animuonyam,

na wɔnka n’ayeyie nsuo ano aman mu.

13AWURADE bɛfiri adi sɛ dɔmmarima,

ɔbɛhwanyan n’abufuo mu sɛ ɔkofoni;

ɔbɛhuro, ɔbɛbɔ ose;

ɔbɛdi n’atamfo so mmaninsɛm.

14Mefiri muaa m’ano akyɛ,

mayɛ komm, masianka me ho;

afei mɛbom sɛ ɔwofoɔ a ɔrekyem;

mɛhome foofoo, na magu ahome prɛko.

15Mɛma mmepɔ ne nkokoɔ atwintwam,

na mama ɛso nhahan nyinaa adwinnwan;

na madane nsubɔntene nsupɔ,

na mawe ntadeɛ nyinaa.

16 Yes 35.5, 8 Na mɛgya anifirafoɔ

wɔ ɔkwan a wɔnnim mu so,

mɛma wɔanante

atempɔn a wɔnnim soɔ so.

Mɛma sum ayɛ hann wɔ wɔn anim,

na deɛ ɛyɛ mmonkyimmɔnka no, mɛyɛ no tamaa.

Adeɛ yei na mɛyɛ mama wɔn,

na merennya wɔn.

17 Yes 44.9-20 Na wɔn a wɔde wɔn ho ato abosom soɔ no,

wɔbɛsane wɔn akyi, na wɔn ani bɛwu;

wɔn a wɔka kyerɛ eguo ahoni sɛ:

Mone yɛn anyame no.

Israel nte aseɛ

18 Yes 43.8 Asotifoɔ, montie!

na anifirafoɔ, monhwɛ na monhunu!

19 Yes 41.8 Hwan ani na afira sɛ m’akoa,

hwan na n’aso asie sɛ me bɔfoɔ a mesoma no no?

Hwan ani na afira sɛ deɛ ɔwɔ m’asomdwoeɛ apam mu,

hwan na n’ani afira sɛ AWURADE akoa no?

20 Yes 53.1 Wahunu nnoɔma pii, nso ɔnhwɛ,

wɔabue n’aso, nso ɔnte asɛm.

21AWURADE ani sɔɔ ne tenenee nti,

sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.

22Nanso wɔyɛ ɔman a wɔatwa wɔn dwo, afom wɔn afa.

Wɔama wɔakɔka ntokuro mu,

wɔde wɔn ahunta nneduadan mu.

Wɔatwa wɔn dwo a ɔgyefoɔ nni hɔ,

wɔafom wɔn afa a deɛ ɔbɛka sɛ: Dane ma! nni hɔ.

23Mo mu hwan na ɔbɛyɛ yei ho aso,

na wawɛn n’aso atie akyire yi?

24Hwan na ɔde Yakob maa adwotwa,

na ɔde Israel maa afomfafoɔ?

Ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne no,

na wɔampɛ sɛ wɔnante n’akwan mu,

na wɔantie ne mmara no?

25Enti na ɔhwiee n’abufuhyeɛ

ne akodie a ano yɛ den no guu ne soɔ,

na ɔsɔɔ ne ho gya hyiaeɛ, nanso wanhunu,

na ɛhyee no, nanso wamfa ansie n’akomam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help