1Ɔhene Nebukadnessar de yei kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔte asase nyinaa soɔ: Ɛnsi mo yie mmoroso!
2Nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.
3 Dan 6.26 Sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ si soso fa!
na n’anwanwadeɛ sɛdeɛ ɛsi yɛ den fa!
n’ahennie yɛ daa ahennie,
na ne tumi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.
4Me, Nebukadnessar, mete me fie dwoodwoo, na me ho tɔ me wɔ m’aban mu;
5na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me.
6Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafoɔ mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase.
7Dan 2.2 Ɛnna nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ baeɛ, na meyii daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.
8Dan 5.11, 14 Na akyire yi no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din teɛ no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na meyii daeɛ no kyerɛɛ no:
9Hes 28.3 Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, sɛ menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahuntasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.
10 Hes 31.3-14 Na m’anisoadeɛ a mehunuu no me mpa soɔ no nie:
Mehunuu dua bi sɛ ɛsi asase mfimfini,
a ɛware tenteenten.
11Dua no nyini yɛɛ kɛseɛ na ɛyɛɛ den,
na ne tentene kɔduruu soro,
na wɔhunu no asase so baabiara;
12 Dan 4.21; Hes 17.23 ɛso ahahan yɛ fɛ,
na ɛso aba dɔɔso,
na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa,
wiram mmoa tete ne nwunu ase,
na ewiem nnomaa sisi ne mman so,
na abɔdeɛ nyinaa didi ho.
13Mehunuu wɔ m’anisoadeɛ wɔ me mpa soɔ no mu sɛ, ɔwɛmfoɔ kronkron bi firi soro durui.
14Dan 4.23 Ɔteaa mu denden na ɔkaa sɛ:
Mommu dua no ntwitwa ne mman.
Mompore n’ahahan mpansam n’aba;
mmoa nnwane mfiri aseɛ,
na nnomaa mfiri ne mman so.
15Nanso monnya ne dunsini asase mu,
dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu,
petee so wira mu,
na ɔsoro bosuo mfɔ no,
na ɔne mmoa
nni asase so ahahan.
16 Dan 7.25 N’adwene nsakyera na anyɛ onipa deɛ bio,
na wɔmma no aboa adwene
na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.
17 Dan 2.21 Awɛmfoɔ kronkron yi agyina so na asɛm yi nam,
na akronkronfoɔ asɛm so na adeɛ yi sie,
deɛ ɛbɛyɛ na ateasefoɔ ahunu sɛ:
Deɛ ɔwɔ ɔsorosoro na ɔdi nnipa ahennie so tumi,
na ɔde ma obiara a ɔpɛ,
na ɔde nnipa mu ahobrɛasefoɔ si soɔ.
18Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnessar, mehunuiɛ. Na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛaseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ nyinaa ntumi nkyerɛ me aseɛ, na wo deɛ, ɛsiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wobɛtumi.
Daniel kyerɛ daeɛ no ase19Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.
20Dua a wohunuiɛ a ɛso na ɛyɛ den a ne tentene kɔpem soro na wɔhu no asase nyinaa soɔ,
21na n’ahahan yɛ fɛ na ɛso aba dɔɔso na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa, na wiram mmoa tete aseɛ na ewiem nnomaa sisi ne mman soɔ no,
22ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kɔduru soro na wo tumidie duru asase ano no.
23Na sɛ ɔhene hunuu ɔwɛmfoɔ kronkron bi sɛ ɔfiri ɔsoro duru bɛkaa sɛ: Mommu dua no nsɛe no, nanso monnya ne dunsini asase mu, dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu, petee so wira mu, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɔne wiram mmoa nnidi nkɔsi sɛ mfeɛ nson bɛtwa ne tiri soɔ:
24Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie, na ɔsorosoroni asotwe a ɛbɛba me wura ɔhene soɔ nie:
25Wɔbɛtu wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa atena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo afɔ wo, na mfeɛ nson atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.
26Na sɛdeɛ wɔkaa sɛ wɔnnya dua no dunsini no, sɛ wonya hunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi no a, w’ahennie bɛgyina ama wo.
27Mmb 19.17; Mat 5.7; 19.21 Enti, ɔhene, ma m’afotuo nyɛ wo fɛ, na fa tenenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafoɔ ayɛyɛ sesa w’amumuyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiedie akyɛ.
Daeɛso no ba mu28Yeinom nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so.
29Abosome dummienu wiee duro no, da bi na ɔnenam Babel ahennie aban so;
30Mmb 16.18; Aso 12.23 ɔhene no kaa sɛ: Ɛnyɛ Babel kɛseɛ a makyekyere mayɛ ahennie gyinabea, me tumi denyɛ so na m’animuonyam agye no ni anaa?
31Asɛm no da so wɔ ɔhene anomu no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahennie no atu afiri wo nsam.
32Dan 5.21 Na wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa akɔtena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie na mfeɛ nson atwa wo tiri so, de akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma deɛ ɔpɛ no.
33Dɔn no mu ara na asɛm no baa mu Nebukadnessar ho, na wɔpamm no firii nnipa mu, na ɔwee ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, de kɔsii sɛ ne nwi fuu sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na ne bɔwerɛ yɛɛ sɛ nnomaa deɛ.
Nebukadnessar tontom AWURADE34 Dan 4.3, 6, 26 Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me,
na mehyiraa Ɔsorosoroni no,
na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ,
sɛ ne tumi yɛ daa tumi
na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;
35na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee,
na ɔde ɔsoro asafo
ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ,
na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene
na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?
36Ɛberɛ no mu ara na m’adwene sane baa me mu, na deɛ ɛbɛyɛ na m’ahennie agye din bio nti, m’animuonyam ne me haran sane baa me so, na m’agyinatufoɔ ne m’aberempɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahennie so bio, na wɔde tumi a ɛsene kane deɛ no maa me.
37Dan 5.20; Luka 1.51; 18.14 Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ,
sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ,
na n’akwan yɛ atɛntenenee,
na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no,
ɔtumi brɛ wɔn ase.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.