1 Rom 1.20 Ɔsoro ka Nyankopɔn animuonyam,
na ewiem kyerɛ ne nsa ano adwuma.
2Da koro biara woro kyerɛ,
na anadwo biara da nimdeɛ adi.
3Ɛnyɛ ɔkasa na ɛnyɛ nsɛm a wɔteɛ.
4 Rom 10.18 Ɔsoro susuhoma duru asase nyinaa so,
na ne nsɛm duru wiase ano;
wasi ntomadan ama owia ɔsoro hɔ.
5Na ɛfiri adi sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu,
ɛde ahosɛpɛ tu mmirika sɛ ɔbrane.
6 Dwom 104.19 N’adifire wɔ ɔsoro ano,
na ne kyini kɔduru ano hɔ,
na biribiara nkora ne ho mfiri ne hyeɛ ano.
7 Dwom 119.50; 130 AWURADE mmara yɛ pɛ,
ɛdwodwo ɔkra.
AWURADE adanseɛ atim,
ɛma awiɛmfoɔ hunu nyansa.
8 Dwom 12.6; 18.30; 119.105 AWURADE ahyɛdeɛ tene,
ɛma akoma tɔ yam.
AWURADE mmarahyɛ ho te,
na ɛte ani.
9AWURADE suro yɛ kronkron,
ɛgyina hɔ daa.
AWURADE atemmudeɛ yɛ nokorɛ,
ne nyinaa tene.
10 Dwom 119.72 Ɛyɛ akɔnnɔ sene sika
ne sika amapa pii,
na ɛyɛ fremfrem sene ɛwoɔ
ne ahwedeɛ mu nsuo.
11Wɔnam so bɔ w’akoa kɔkɔ,
ɛsodie mu wɔ akatua pii.
12 Hiob 9.3; Dwom 130.3 Hwan na ɔhunu ɔno ara ne mfomsoɔ mu?
Me bɔne a ahunta me, fa kyɛ me.
13 Dwom 18.23 Nso bɔ w’akoa ho ban wɔ bɔne a wɔboapa yɛ ho,
na anhyɛ me so.
Ɛno na mɛdi bem,
na me ho afi amumuyɛ kɛseɛ ho.
14Ma m’anomu nsɛm nyɛ wo fɛ,
na m’akomam nkɔmmɔ nsɔ w’ani,
O AWURADE, me botan ne me gyefoɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
