Eksodɔs NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUNwoma no din “Eksodɔs” no asekyerɛ ne “Otukorɔ”. Nwoma yi ka Israelfoɔ abakɔsɛm mu adeɛ titire bi a ɛsiiɛ ho asɛm. Ɛne sɛ, Israelfoɔ tu firii Misraim asase so, nkoasom mu.Wɔtumi kyɛ nwoma yi mu mmiɛnsa:1. Wɔgyee Hebrifoɔ firii nkoasom mu maa wɔtuu kwan firii Misraim kɔɔ Sinai bepɔ ho;2. Onyankopɔn apam a ɔne ne man pameeɛ wɔ Sinai Bepɔ ho no. Apam yi fa abrabɔ, amanyɛ ne Onyamesom mmara a ɛsɛ sɛ wɔdi soɔ ho.3. Wɔsii ɛdan siesiee mu sɛ Israelfoɔ no nsom wɔ mu, na wɔhyehyɛɛ mmara maa asɔfodie ne sɛdeɛ wɔsom Onyankopɔn fa.Ne korakora ne sɛ, nwoma no ka deɛ Onyankopɔn yɛeɛ, sɛ ɔgyee ne man a wɔde wɔn ayɛ nkoa ne mfenaa na ɔyɛɛ wɔn ɔman a wɔanya anidasoɔ.Onipa titire a nwoma no ka ne ho asɛm ne Mose. Ɔno na Onyankopɔn yii no sɛ ɔnni ne man no anim nyi wɔn mfiri Misraim. Nwoma no fa bi a wɔnim no yie papaapa ne Mmara Nsɛm Du a ɛwɔ Ti 20 mu no.EMU NSƐMWɔgyee Israelfoɔ firii Misraim nsamu 1.1—15.211. Wɔyɛɛ wɔn nkoa wɔ Misraim 1.1-222. Mose awoɔ ne ne mmɔfraase ho nsɛm 2.1—4.313. Mose ne Aaron kɔhyiaa Misraimhene 5.1—11.104. Twam afahyɛ ne firi a Israelfoɔ firii Misraim 12.1—15.21Wɔfirii Mmɛwa Po no ho kɔɔ Sinai Bepɔ ho 15.22—18.27Mmara no ne apam no 19.1—24.18Ntomadan no ne ɔsom ho nhyehyɛɛ 25.1—40.38