1 Yohane NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUYohane nwoma a ɛdi kan no kura botaeɛ mmienu: Nkuranhyɛ a ɔhyɛ n’akenkanfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔatena ase wɔ Onyankopɔn ne ne ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu. Ɔsan bɔ wɔn kɔkɔ fa atorɔ nkyerɛkyerɛ a ɛbɛtumi asɛe saa ayɔnkofa yi ho. Saa nkyerɛkyerɛ yi nnyinasoɔ ne sɛ, wiase mu nkitahodie de bɔne ba. Yei nti Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no ntumi mma honam mu. Nkyerɛkyerɛ yi kɔ so ara ka sɛ, nkwagyeɛ ne sɛ obi bɛyi ne ho afiri wiase asetena mu nsɛm ho. Ɛka nso sɛ, nkwagyeɛ mfa abrabɔ pa anaa ɔdɔ a yɛde dɔ yɛn mfɛfoɔ ho.Deɛ ɔtwerɛfoɔ yi ka no pefee de tia saa nkyerɛkyerɛ yi, ka sɛ, Yesu Kristo aba honam mu. Ɔsi so dua nso sɛ, obiara a ɔgye Yesu no na ɔdɔ Nyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne yɔnko nso.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-4Hann ne esum 1.5—2.29Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma 3.1-24Nokorɛ ne mfomsoɔ 4.1-6Ɔdɔ asɛdeɛ 4.7-21Nkonimdie gyidie 5.1-21
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help