1Wonim abotan so mmirekyie awoɔ berɛ,
na aforoteɛ awoko nso, wowɛn?
2Wokan abosome a wɔn afuru de nyini,
na wonim berɛ a wɔde woɔ anaa?
3Wɔkoto wowo wɔn mma,
wɔto wɔn awoɔyea twene,
4wɔn mma ho kokwa, wɔnyini wiram,
wɔfiri kɔ, na wɔnsane mma wɔn nkyɛn.
5Hwan na ɔgyaa ɛserɛ so afunumu sɛ ɔnne ne ho,
na afunumu prakaateni nhoma, hwan na ɔsane?
6Deɛ mede ɛserɛ pradada mayɛ ne fie,
na mede nkyene asase ayɛ ne tenabea.
7Ɔmmu kuro mu gyegyeegyeyɛ,
ɔnte ɔkafoɔ ateatea.
8Deɛ ɔnya no mmepɔ soɔ no ne n’aduane,
na ɔpɛ adeɛ biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.
9Okoo bɛpene sɛ ɔsom woɔ,
anaasɛ ɔbɛtena w’adididaka ho?
10Wode homa bɛsa okoo, mfɛtɛeɛka ho,
anaasɛ ɔbɛtwe mmonhwa mu mfɛtɛeɛ so adi w’akyi?
11N’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto ne so,
na woagya w’adwuma ama no anaa?
12Wobɛgye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba,
na waboa ano de aba w’asan so?
13Sohori bɔ ne ntaban mu ahurisidie mu,
ɛne asukɔnkɔn ntaban ne ne ntakra na ɛsɛ anaa?
14Mmom ɔgya ne nkosua ma asase,
na mfuturo so na ɔma ɛho dɔ,
15na ne werɛ firi sɛ ɛnan bɛpɛkyɛ,
anaasɛ wiram mmoadoma bɛbobɔ.
16Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnyɛ ne deɛ,
ne brɛ yɛ ɔkwa, nanso ɔnsuro,
17ɛfiri sɛ Onyankopɔn ama nyansa abɔ no,
na wankyɛ no nhunumu.
18Na sɛ ɔyere ne ho tu a,
ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ.
19Wo na wode ahoɔden ma ɔpɔnkɔ?
Wo na wode nnawa hyehyɛ ne kɔn?
20Wo na woma no huri sɛ ntutummɛ?
Ne home foofoo denyɛ yɛ hu.
21Ɔwerɛwerɛ bonhwa mu, na ɔdi n’ahoɔden ho ahurisie,
ɔfiri kɔhyia akofoɔ a wɔamia.
22Ɔsere ehu, na ne ho mpopo,
na ɔnsane mfiri afena anim.
23Agyan boha woso ne so,
pea ne pɛmɛ a ɛtwa nyinamnyinam nso.
24Ɔde anibereɛ ne abufuo werɛwerɛ asase,
na totorobɛnto hyɛne a, ɔnnyina bio.
25Totorobɛnto hyɛne a, ɔka sɛ: Wiɛɛ!
Na ɔte ɔko hwa wɔ akyirikyiri,
asafohene nteam ne osebɔ no.
26Wo nhunumu so na asansa nam tuo?
Ɔtrɛ ne ntaban mu kyerɛ anafoɔ asase.
27Anaasɛ w’anomu asɛm so na ɔkɔdeɛ ma ne ho soɔ,
na ɔyɛ ne pirebuo deɛ ɛkorɔn?
28Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɔda,
ɔbotan ano hwerɛmhwerɛm ne ahwɛeɛ sorɔnsorɔn so,
29ɛhɔ na ɔfiri hwehwɛ aduane,
n’ani hunu adeɛ akyirikyiri.
30 Hab 1.8; Mat 24.28 Na ne mma fe mogya,
na deɛ atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
