Nehemia 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nehemia awerɛhoɔ ne ne mpaebɔ

1Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislew mu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no,

2Hanani, me nuanom mu baako, ne mmarima bi a wɔfiri Yuda bae. Na mebisaa wɔn Yudafoɔ a wɔfirii mu firiiɛ, a wɔkaa nnommumfa no mu no ne Yerusalem ho asɛm.

32 Be 36.19 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.

4 Neh 9.1; Esra 9.3 Na metee nsɛm yi no, metenaa ase mesui, na medii abooboo nna bi, na medii abuada, na mebɔɔ mpaeɛ ɔsoro Nyankopɔn no anim,

5Neh 4.14; Dan 9.4 na mese: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ woɔ ne wɔn a wɔdi wo mmara nsɛm soɔ no,

6ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpaeɛ a merebɔ no w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfoɔ, ne ka a mereka Israelfoɔ bɔne a yɛayɛ woɔ no; na me nso ne m’agya fie ayɛ bɔne.

7Fom na yɛafom woɔ, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

8Na kae asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose no sɛ: Mo deɛ, mofom a, me nso mɛbɔ mo apete aman mu.

9Deut 30.4 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

10Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.

11Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim.

Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help