Deuteronomium 30 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

1 Deut 28 Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apamo wo akɔ hɔ no nyinaa mu,

2Lew 26.40 na wosane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na wo ne wo mma tie ne nne sɛdeɛ merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa, mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa mu a,

3Yer 29.14; Amos 9.14; Yer 32.37 ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.

4Sɛ wo nnipa a wapamo wɔn no wɔ ɔsoro ano mpo a, ɛfiri hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa wo ano, na ɛfiri hɔ na ɔbɛfa woɔ.

5Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo bɛba asase a wo nananom dii soɔ no so, na woadi so, na wayɛ wo yie, na wama woadɔre akyɛne wo nananom.

6Deut 10.16; Yer 4.4; Hes 11.19; Rom 2.29; Kol 2.11 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.

7Na AWURADE wo Nyankopɔn de nnome yi nyinaa bɛgu w’atamfo ne wɔn a wɔkyiri woɔ a wɔtaa woɔ no so.

8Na wo deɛ, wobɛsane abɛtie AWURADE nne, na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so.

9Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma woadi yie ama biribiara abu wo so, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wo yafunu mu aba mu ne wo mmoa mma mu ne w’asase so aba mu, ɛfiri sɛ AWURADE ani bɛgye wo ho bio, ama woadi yie sɛdeɛ n’ani gyee wo nananom ho no;

10sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na wodi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no so, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa sane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn a!

11Na mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nnyɛ den mma wo, nanso ɛnni akyirikyiri;

12Rom 10.6, 8 ɛnni ɔsoro na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

13Na ɛnni po agya nso na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛtwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

14Na asɛm no bɛn wo papaapa, ɛwɔ w’anomu ne w’akoma mu sɛ di so.

15 Deut 11.26; 28.2, 15 Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owuo ne bɔne masi w’anim,

16na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nante n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ so, na woanya nkwa, na woadɔre, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ so akɔdi soɔ no so.

17Na sɛ w’akoma dane na woantie, na woma wɔtwe wo kɔsɔre anyame foforɔ na wosom wɔn a,

18Deut 4.26 mepae mu mekyerɛ mo nnɛ sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, wo nna renkyɛre asase a woretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so.

19Deut 4.26 Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase medi mo adanseɛ, sɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefoɔ nnya nkwa,

20na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, ɛfiri sɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodoɔ, na woatena asase a AWURADE kaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help