Deuteronomium 7 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

AWURADE man no kronkronyɛ

1 Deut 31.3 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,

2Num 21.2 na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma woku wɔn a, ɛnneɛ sɛe wɔn pasapasa; wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;

3Eks 23.32; 34.15-16 na ɛne wɔn nnni ayewareɛ, mfa wo mmammaa mma wɔn mma, nso nnye wɔn mmammaa mma wo mma awareɛ.

4Ɛfiri sɛ ɔbɛdane wo mma ani afiri m’akyi, na wɔasom anyame foforɔ, na AWURADE bo afu mo, na wasɛe wo ntɛm.

5Deut 12.2-3 Na mmom sɛ monyɛ wɔn nie: Monnwiridwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ ngu, na momfa ogya nhye wɔn ahoni.

6Eks 19.5-6 Na mo yɛ ɔman kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn; mo na AWURADE mo Nyankopɔn ayi mo sɛ mommɛyɛ ɔman a wafa ayɛ ne dea wɔ aman a ɛwɔ asase so nyinaa mu.

7Efe 2.8 Ɛnyɛ mo dodoɔ a ɛsene aman nyinaa nti na AWURADE de ne ho abɔ mo ho na wayi mo, ɛfiri sɛ mo na mosua aman nyinaa mu.

8Na ɛsiane sɛ AWURADE dɔ mo na ɔdi ne ntam a ɔkaa mo nananom no soɔ nti na ɔde nsa a ɛyɛ den yii mo, na ɔgyee mo firii nkoafie firii Misraimhene Farao nsam.

9 Eks 20.6 Enti hunu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn, — Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ,

10na ɔtua wɔn a wɔtane no ka wɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma deɛ ɔtane no, ɔbɛtua no ka wɔ n’anim.

11Deut 5.32; 6.17 Enti di mmara nsɛm ne atemmudeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so, na yɛ.

Setie mu Nhyira(Deuteronomium 28.1-14)

12 Eks 23.22-31 Na sɛ motie atemmudeɛ yi na modi so yɛ a, AWURADE wo Nyankopɔn nso bɛdi apam ne adɔeɛ a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no so ama wo,

13na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔre, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwie mma ne wo nnwan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom sɛ ɔde bɛma woɔ no so.

14Wɔbɛhyira wo asene aman nyinaa; ɔbarima anaa ɔbaa, anaa w’afieboa renyɛ obonini wɔ wo mu.

15Na AWURADE bɛyi yadeɛ nyinaa afiri wo so, na ɔremfa Misraim yadeɛ bɔne a wonim no biara nto wo so, na ɔde bɛto wɔn a wɔtane woɔ nyinaa so.

16Yos 23.13 Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma woɔ no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, ɛfiri sɛ ɛno bɛyɛ fidie ama wo.

17 Num 13.31; 14.1-4 Sɛ wose no w’akoma mu sɛ: Amanaman yi dɔɔso sene me, mɛyɛ dɛn na matumi matu wɔn?

18Nsuro wɔn, na kae deɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Misraim nyinaa,

19Deut 4.34 sɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii woɔ no; saa na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wosuro wɔn no nyinaa.

20Eks 23.28-30 Nkotokurodu nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛsoma ama wɔakɔ wɔn mu akɔsi sɛ wɔn a wɔaka na wɔahunta no bɛsɛe w’anim.

21Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu ne no.

22Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛpamo amanaman yi afiri w’anim nkakrankakra; nsɛe wɔn prɛko, na ewiram mmoa annɔɔso wo so.

23Na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa, na ɔbɛma ahodwirie kɛseɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsɛeɛ.

24Na ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afiri wiase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛsɛe wɔn.

25Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye; mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ ne sika, na mfa bi, na ansum wo fidie, ɛfiri sɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.

26Yos 7.11 Na mfa akyiwadeɛ nkɔ wo fie, na woanyɛ abusudeɛ sɛ ɛno; ma no nyɛ wo tane, na kyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help