1 1 Sa 15.23, 35 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.
2Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makorɔ? Na Saulo te a, ɔbɛku me. Na AWURADE se: Fa nantwie ba kura na kɔka sɛ: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE.
3Na frɛ Yisai bra afɔdeɛ no ho, na me ara mɛkyerɛ wo deɛ yɛ, na sra deɛ mɛka makyerɛ woɔ no ma me.
42 Ah 9.18 Na Samuel yɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kuro no mu mpanimfoɔ de ahopopoɔ bɛhyiaa no bisaa no sɛ: Woaba no asomdwoeɛ mu anaa?
5Na ɔse: Asomdwoeɛ mu: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE; monnwira mo ho na mo ne me nkɔ afɔdeɛ no ho. Na ɔdwiraa Yisai ne ne mma no ho, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔdeɛ no ho.
6Na wɔbaa mu no, ɔhunuu Eliab, na ɔse: Ampa, deɛ AWURADE asra no no na ɔwɔ n’anim yi.
7Aso 10.34; Dwom 7.9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.
8Ɛnna Yisai frɛɛ Abinadab maa no twaa mu Samuel anim. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no.
9Na Yisai maa Sama twaa mu. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no.
101 Be 2.13-15 Na Yisai maa ne mma baason bɛtwaa mu Samuel anim. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: AWURADE nyii yeinom.
111 Sa 17.14 Na Samuel bisaa Yisai sɛ: Mmeranteɛ no nyinaa nie? Na ɔse: Aka akumaa no, na hwɛ, ɔrehwɛ nnwan. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: Soma ma wɔnkɔfa no mmra, na yɛrentena ase gye sɛ waba ha ansa.
12Na ɔsoma maa wɔkɔfaa no baeɛ. Nso na ɔbere, na n’animma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara nie.
132 Sa 2.4; 5.3 Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.
Dawid ba Saulo ahemfie14 1 Sa 18.10 Na AWURADE honhom firii Saulo ho, na honhommɔne firi AWURADE nkyɛn bɛhaa no.
15Na Saulo nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ ɛ, honhommɔne bi a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛreha woɔ yi.
162 Ah 3.15 Ma yɛn wura nka nkyerɛ wo nkoa a wɔwɔ w’anim yi, na wɔnkɔhwehwɛ obi a ɔnim sankuo bɔ, na sɛ honhommɔne no firi Nyankopɔn nkyɛn ba wo so a, ɔde ne nsa abɔ ama wo ho atɔ wo.
17Na Saulo ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monhwehwɛ obi a ɔnim bɔ yie mma me ɛ, na momfa no mmrɛ me.
18Na mmeranteɛ no mu baako buaa sɛ: Hwɛ, mahunu Betlehemni Yisai ba bi a ɔnim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a ɔtumi ne ho ne ɔkofoni, na ɔhunu nsɛm mu, na ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi.
19Na Saulo somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Yisai nkyɛn kɔkaa sɛ: Ma wo ba Dawid a ɔwɔ nnwan ho no mmra me nkyɛn.
20Na Yisai faa afunumu de paanoo ne nsa kotokuo ma, ne ɔpapo soaa no, na ɔde somaa ne ba Dawid kɔmaa Saulo.
21Na Dawid baa Saulo nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ ne somfoɔ. Na Saulo dɔɔ no sɛ, na ɔde no yɛɛ n’akodeɛkurani.
22Na Saulo soma maa wɔkɔɔ Yisai nkyɛn kɔkaa sɛ: Mesrɛ wo, ma Dawid nsom me, na wanya m’anim adom.
231 Sa 16.14 Na ɛbaa sɛ, sɛ honhom no firi Nyankopɔn nkyɛn ba Saulo so a, na Dawid afa sankuo na ɔde ne nsa abɔ, na Saulo ho adwo no, na ne ho atɔ no, na honhommɔne no afiri ne so kɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.