Yeremia 40 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yeremia wɔ Amrado Gedalia nkyɛn

1 Yer 39.11-14 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ankɔbeahene Nebusaradan agyaa no Rama no nie; ɔkɔfaa no baeɛ no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfoɔ a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu.

2Ankɔbeahene no maa wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn no aka bɔne yi nyinaa atia ha yi,

3na wama no aba mu, AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, ɛfiri sɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no, ama asɛm yi aba mo so.

4Na ɛfiri ɛnnɛ, mayi wo afiri nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wo nsa no mu, sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, bra na mɛma m’ani aku wo ho; na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, ɛnneɛ ma no nka; hwɛ, asase no nyinaa na ɛda w’anim yi; faako a wonim sɛ ɛyɛ na wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ!

5Na ansa na ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ: Sane kɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi Yuda nkuro so panin no nkyɛn, na wo ne no ntena ɔman no mu; anaasɛ baabiara a wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ! Na ankɔbeahene no maa no akwansoduane ne ayɛyɛdeɛ, na ɔgyaa no kwan.

6Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no kɔtenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn asase no soɔ no mu.

Wɔpam Gedalia tiri so

7 2 Ah 25.22-24 Na ɛdɔm asafohene a wɔwɔ wiram no nyinaa, wɔne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panin, ne sɛ ɔde mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne asase no so ahiafoɔ a wɔantu wɔn ankɔ Babel no mu bi ahyɛ n’ase no,

8Yer 41.1, 11 wɔbaa Gedalia nkyɛn Mispa, wɔn ne Netania ba Ismael ne Yohanan ne Yonatan a wɔyɛ Karea mma, ne Tanhumet ba Seraia ne Netofani Efai mma, ne Maakani ba Yesania, wɔne wɔn mmarima.

9Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima no ntam sɛ: Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no, montena asase no so na monsom Babel hene, na ɛnsi mo yie.

10Na me deɛ, hwɛ, mete Mispa, sɛ mɛgyina Kaldeafoɔ a wɔba yɛn nkyɛn no anim; na mo deɛ, monkɔboaboa nsa ne nnuaba ne ngo ano ngu mo nnoɔma mu, na montena mo nkuro a moafa no mu.

11Saa ara nso na Yudafoɔ a wɔwɔ Moab ne Amonfoɔ mu ne Edom ne wɔn a wɔwɔ nsase no nyinaa soɔ no nyinaa tee sɛ Babel hene agya nkaeɛ bi ama Yuda ne sɛ ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so panin no,

12Yudafoɔ no nyinaa sane firii deɛ wɔbobɔɔ wɔn peteeɛ hɔ baa Yuda asase so Gedalia nkyɛn Mispa, na wɔbɛboaboaa nsa ne nnuaba pii pa ano.

13Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔwɔ wiram no nyinaa baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa

14bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ Amonfoɔ hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ɔmmra mmɛku wo? Na Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.

15Na Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia kokoa mu wɔ Mispa sɛ: Ma menkɔ menkɔkum Netania ba Ismael, na obiara ante; adɛn nti na ɔmmɛku woɔ, na Yudafoɔ a wɔaboa wɔn ano aba wo nkyɛn no nyinaa mmɔ mpete, na Yudafoɔ nkaeɛ no nyera?

16Na Ahikam ba Gedalia ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: Nni saa asɛm yi, na atorosɛm na woreka no Ismael ho yi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help