1 Tesalonikafoɔ 3 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wɔsoma Timoteo kɔ Tesalonika

1 Aso 17.14-15 Enti yɛsɔ mu a na ɛnsɔ bio no, yɛpenee sɛ wɔnnya yɛn hɔ wɔ Atene.

2Aso 16.1-3 Na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Onyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔntu mo fo mo gyidie ho,

3Efe 3.13; 2 Ti 3.12 na amanehunu yi anha obiara, ɛfiri sɛ mo ara monim sɛ deɛ ɛtwa sɛ yɛhunu ara ne no.

4Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛka kyerɛɛ mo ansa sɛ yɛbɛhunu amane, sɛdeɛ ɛbaeɛ na monim no.

5Flp 2.16 Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɛnsɔ bio no, mesomae, na mahunu mo gyidie mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfoɔ no asɔ mo ahwɛ, ama yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa.

Timoteo amanneɛbɔ

6 Aso 18.5 Na afei Timoteo firii mo nkyɛn baa yɛn nkyɛn bɛkaa mo gyidie ne ɔdɔ ho asɛmpa, ne sɛ mokae yɛn yie daa, na mopɛ sɛ mohu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhu mo kyerɛɛ yɛn no,

7yei nti, anuanom, mo gyidie ama yɛn werɛ akyekye wɔ mo ho, yɛn amanehunu ne ahohia nyinaa mu,

8ɛfiri sɛ, sɛ mogyina Awurade mu pintinn a, na yɛanya nkwa.

Paulo da Onyankopɔn ase

9Na aseda bɛn na yɛbɛtumi ada Onyankopɔn wɔ mo ho, anigyeɛ nyinaa a mo nti yɛn ani agye yɛn Nyankopɔn anim no ho?

10Awia ne anadwo yɛsrɛ pii sɛ yɛbɛhunu mo anim, na yɛama mo gyidie awie mayɛ.

Ɔsomafoɔ no srɛɛ adeɛ maa n’akenkanfoɔ no

11Na ɔno ara ankasa, yɛn Nyankopɔn ne Agya no, ne yɛn Awurade Yesu nnane yɛn kwan mmra mo nkyɛn.

12Na mo deɛ, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no,

13Flp 1.10 na wahyɛ mo akoma den a mo ho nni asɛm, kronkronyɛ mu, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim, yɛn Awurade Yesu ne n’ahotefoɔ nyinaa ba mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help