Nnwom 144 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

AWURADE ne Israel botanDawid deɛ.

1 Dwom 18.34 Nhyira ne AWURADE, me botan

a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa

ne me nsateaa akodie.

2 Dwom 18.2 M’adɔeɛ ne m’abankɛseɛ,

m’abantenten ne me gyefoɔ,

me kyɛm ne deɛ medwane mekɔtoa no

a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’aseɛ.

3 Dwom 8.4 AWURADE, onipa ne hwan a wohu no,

ɔdasani ba ne hwan a wodwene ne ho?

4 Hiob 14.2 Onipa te sɛ ahuhuo,

ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.

5 Dwom 18.9; 104.32 AWURADE, kuntunu wo soro, na si fam,

keka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.

6Pa anyinam, na pansam wɔn,

toto wo mmɛmma, na sɛe wɔn.

7Tene wo nsa firi soro nohoa,

hwam me, na yi me firi nsuo akɛseɛ mu,

firi ananafoɔ mma nsam.

8 Dwom 144.11 Wɔn na wɔn ano ka nsɛnhuhuo,

na wɔn nifa yɛ atorɔ nifa.

9 Dwom 33.2-3 Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ mama wo,

mede sankuo a ɛso han du bɛto dwom mama wo,

10sɛ wo na wode nkwagyeɛ ma ahemfo,

na wogyee w’akoa Dawid firii afena a ɛnyɛ ano.

11Gye me na yi me

firi ananafoɔ mma

a wɔn ano ka nsɛnhunu nsam.

Wɔn na wɔn nifa yɛ atorɔ nifa.

12 Dwom 128.3 Na yɛn mmabanin ayɛ sɛ tɛ nnua

a anyini yie, wɔn mmeranteberɛ mu,

na yɛn mmammaa ayɛ sɛ twea so adum

a wɔasene no sɛ ahemfie deɛ.

13Na yɛn asan ayɛ ma

a wɔyi mu nnoɔma ahodoɔ nyinaa,

na yɛn nnwan awo mpempem

ayɛ mpem du du yɛn nsase so.

14Na yɛn anantwie ho atua wɔn ho

a ɔsɛeɛ ne ɔyera mma wɔn mu,

na abooboo amma yɛn mmɔntene so.

15 Deut 33.29 Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ,

nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help