1 Yes 37; 2 Be 32.20-23 Na Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu na ɔfiraa ayitoma na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie.
2Na ɔsomaa Eliakim a na ɔdi efie no soɔ ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma kɔɔ Amos ba Odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,
3na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne nsopa da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.
42 Ah 18.35 Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nnipa nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.
5Na Ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn.
6Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Nsuro nsɛm a woteeɛ a Asiriahene nkoa de abɛya me no anim.
72 Ah 19.9, 35-37 Hwɛ, mede honhom bi bɛhyɛ ne mu, na wate nsɛm bi, na wasane akɔ n’asase so, na mama no atɔ nkrantɛ ano n’asase so.
Asiriafoɔ sane bɔ nterɛnnee bio(Yesaia 37.8-20)8Na Rabsake no sanee, na ɔkɔtoo Asiriahene sɛ ɔne Libna reko, ɛfiri sɛ na wate sɛ watu afiri Lakis.
9Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Hwɛ, watu ne wo rebɛko. Na ɔsane somaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn bio sɛ:
102 Ah 18.30 Sɛ monkɔka nkyerɛ Yudahene Hesekia nie: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato ne soɔ no nnaadaa wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiriahene nsa.
11Hwɛ, wo ara woate deɛ Asiria ahemfo ayeyɛ nsase nyinaa, asɛe no pasapasa no, na wo na wɔbɛgye woɔ anaa?
122 Ah 18.33-34 Amanaman a m’agyanom asɛe wɔn, Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a wɔwɔ Telasar no anyame no gyee wɔn anaa?
13Ɛhe na Hamathene, Arpadhene, Sefarwaim kuro, Hena ne Iwahene no wɔ?
14Na Hesekia gyee nwoma no abɔfoɔ no nsam, na ɔkenkanee; na ɔforo kɔɔ AWURADE fie, na Hesekia trɛɛ mu too AWURADE anim.
15Eks 25.22; Dwom 80.1 Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpaeɛ sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko wone Onyankopɔn asase so ahennie nyinaa mu; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.
162 Ah 19.4; 1 Sa 17.10 Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’ani, AWURADE, na hwɛ! Na tie Sanaherib nsɛm a wasoma sɛ wɔmfa mmɛsopa wo, Onyankopɔn teasefoɔ no.
17Ɛwom, AWURADE, Asiria ahemfo asɛe amanaman ne wɔn nsase,
18na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko ara, na wɔasɛe wɔn.
19Enti afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo, AWURADE, ne Onyankopɔn, wo nkutoo ara nko!
Yesaia asɛm a ɔde kɔma Ɔhene(Yesaia 37.21-38)20Ɛnna Amos ba Yesaia soma maa wɔkɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Deɛ wobɔɔ me ɛho mpaeɛ Asiriahene Sanaherib ho no, mate.
21Yei ne asɛm a AWURADE aka agu ne soɔ no:
Ɔbaabunu Sion babaa no
bu wo animtia yi wo ahi,
Yerusalem babaa
rewoso ne ti wɔ w’akyiri.
22Hwan na woasopa no na woaya no?
Na hwan so na woama
wo nne soɔ na woama w’ani atra wo ntɔn?
Wode atia Israel Kronkronni no.
23W’abɔfoɔ so na wonam asopa AWURADE,
na woaka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ no
maforo kɔ mmepɔ atifi
Lebanon mu nohoa tɔnn;
na mɛtwitwa ne ntweneduro atentene
ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu na makɔduru,
n’atenaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri,
ne kwaeɛbirentuo mu.
24Me na matutu mmura
manom amannɔne nsuo,
na mede me nammuromu mawe
Misraim nsubɔntene nyinaa.
25Adɛn wontee,
sɛ mefiri meyɛeɛ akyɛreɛ?
Na mefiri tete mmerɛ mu
na mehyɛɛ no saa, na mama no aba mu,
sɛ wɔnsɛe nkuro a afasuo atwa ho ahyia
mma no nnanedane akurofo akuakuo,
26na emufoɔ no, wɔn nsa anso hwee yɛ,
wɔn akoma tui na wɔn ani wui,
wɔdanedanee mfofowa so ahahan
ne wira mono,
adan atifi wira ne ayuo a
amma ne ho soɔ na ahoa.
27Na menim w’asetena,
ne w’adifire ne wo muba no,
ɛne wo dam a wobɔ no me soɔ no.
28Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam,
na w’ahantan aforo abɛduru m’aso mu nti,
mede me kawa bɛhyɛ wo hwenem
na mede me nnareka bɛto w’ano mu,
na masane wo afa ɔkwan a wonam
so baeɛ no so akɔ.
29Na yei nyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ: Afe yi mu monni ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na afe a ɛtɔ so mmienu no mu, deɛ ɛbɛdi akyire aba. Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, mongu na montwa, na montɛ bobe nturo, na monni mu aba.
30Na Yuda fie mu wɔn a wɔagye wɔn afiri mu a wɔaka no, wɔn ase bɛgye nhini bio, na wɔaso aba wɔ soro.
31Yes 9.7 Na Yerusalem na nnipa nkaeɛ bi bɛfire, na nnipa a wɔafiri mu anya nkwa nso afiri Sion bepɔ so, AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei.
32Enti sɛ AWURADE se Asiriahene ho nie: Ɔremma kuro yi mu, na ɔrento agyan mma ha, na ɔremfa ɛkyɛm mmɛhyia no, na ɔrenhɔre pie ntia no.
33Ɔkwan a ɔnam so baeɛ no so na ɔnam bɛsane akorɔ, na kuro yi deɛ, ɔremma mu, AWURADE na ɔseɛ.
342 Ah 20.6 Na mɛbɔ kuro yi ho ban na magye no, me ara ne m’akoa Dawid nti!
Asiriafoɔ di nkoguo35Na anadwo no ara AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsra mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔn nyinaa yɛ awufoɔ afunu.
36Ɛnna Asiriahene Sanaherib sii mu saneeɛ, na ɔkɔtenaa Ninewe.
372 Ah 19.7 Na ɔresɔre ne nyame Nisrok fie no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kumm no, na wɔfiri hɔ dwane kɔɔ Ararat asase so. Na ne ba Esarhadon bɛdii n’adeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.