Romafoɔ 14 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mo mmmu atɛn

1 Nsi Okristoni biara nkɔsoɔ kwan

13Enti mommma yɛmmmu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mommu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa akwansideɛ anaa suntidua bi nnto hɔ mmma ne nua.

14Mat 15.11; Aso 10.15; Tito 1.15 Menim, na megye medi Awurade Yesu mu sɛ, biribiara ankasa nyɛ fi; na deɛ ɔbu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no.

15 1 Ko 8.11-13 Na sɛ w’aduane nti wo nua werɛ ho a, ɛnneɛ ɛnyɛ ɔdɔ so na wonante bio. Mfa w’aduane nsɛe deɛ Kristo sii n’ananmu wuiɛ no.

16Tito 2.5 Enti mommma wɔnnka mo papa ho nsɛmmɔne!

17Luka 17.20 Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.

18Na deɛ ɔsom Kristo yeinom mu no, ɔsɔ Nyankopɔn ani, na nnipa bu no.

19 Rom 12.18; 15.2 Enti afei momma yɛnni deɛ ɛma asomdwoeɛ ne deɛ ɛbɛma yɛn nkɔsoɔ akyiri.

20Rom 14.14 Aduane nti nsɛe Nyankopɔn adwuma! Nnoɔma nyinaa ho te deɛ, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa, sɛ ɔdi deɛ ɛto suntidua.

211 Ko 8.13 Ɛyɛ sɛ wonni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua suntidua.

22Wo deɛ, wo gyidie a wowɔ no, kora fa wɔ Nyankopɔn anim! Nhyira ne deɛ ɔmmu ne ho atɛn, deɛ ɔbu no sɛ ɛyɛ no mu.

23Tito 1.15 Na deɛ n’adwene mu yɛ no naa no, sɛ ɔdi a, wadi fɔ; ɛfiri sɛ ɛmfiri gyidie mu na ɔdie. Na biribiara a ɛmfiri gyidie mu no yɛ bɔne.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help