1
ɛsiane me man babaa sɛeɛ nti,
ɛnam sɛ mmotafowa ne nkokoaa totɔ piti,
kuro no mmɔntene so.
12Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ:
Ɛhe na aburoo ne nsa wɔ?
Na wɔtotɔ piti sɛ atɔfoɔ,
kuro no mmɔntene so,
na wɔgyaagyaa mu
wɔ wɔn nanom kokom.
13Ɛdeɛn adanseɛ na menni woɔ,
ɛdeɛn na memfa mento wo ho, Yerusalem babaa?
Ɛdeɛn na memma no ne wo nsɛ,
na mede makyekyere wo werɛ, ababaa, Sion babaa?
Na wo sɛeɛ so sɛ ɛpo,
hwan na ɔbɛtumi asa wo yadeɛ?
14 Yer 14.14-16; 23.14-22 Atorɔ ne nnaadaa anisoadeɛ
na w’adiyifoɔ hunu kyerɛɛ woɔ;
na wɔanyi w’amumuyɛ no so,
sɛ wɔde wo nnommum bɛsane aba.
Na atorɔ ne nsɛm a ɛma wofom
na wɔhunu kyerɛɛ woɔ.
15 Dwom 48.2; Hes 16.14 Wɔn a wɔtwam kwan soɔ nyinaa
bobɔ wɔn nsam gu wo so.
Wɔbɔ hwerɛma woso wɔn tiri
gu Yerusalem babaa so ka sɛ:
Kuro a wɔfrɛ no:
Ahoɔfɛ a ɛwie pɛ yɛ,
asase nyinaa ahosan no, nie?
16 Hiob 16.9; Dwom 35.25; 137.7 W’atamfo nyinaa
trɛtrɛ wɔn anomu tia wo;
wɔhinam, twɛre wɔn se
ka sɛ: Yɛasɛe no!
Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara nie!
Yɛanya, yɛn ani ahunu!
17AWURADE ayɛ deɛ ɔsusuiɛ;
wama n’asɛm aba mu pɛpɛɛpɛ,
n’asɛm a ɔfiri tete mmerɛ no mu hyɛeɛ no;
wadwiri, na wanni ho adɔna,
na wama ɔtamfoɔ ani agye wo ho,
wama w’ahohiahiafoɔ ahoɔden so.
18 Kwa 2.11 Wɔn akoma su frɛ AWURADE;
Sion babaa fasuo,
ma nisuo nsene sɛ asutene
awia ne anadwo;
mpɛ home bi nhome,
mma w’aniwa kurutuawisi nnyɛ komm.
19Sɔre kekam anadwo,
ɔdasuom mfitiaseɛ,
hwie w’akoma gu sɛ nsuo,
AWURADE anim;
wo mmotafowa kra nti, ma wo nsa so kyerɛ no,
na wɔatotɔ ɛkɔm ano piti, mmorɔno nyinaa ti.
20 Deut 28.53-57 AWURADE, hwɛ, na hunu!
Hwan na woayɛ no seyie yi?
Mmaa nni wɔn yafumma nam,
mmotafowa a wɔturu wɔn?
Wɔnkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ,
AWURADE kronkronbea hɔ anaa?
21Mmɔfra ne nkɔkoraa
deda fam mmorɔno so;
me mmabaa ne me mmeranteɛ
atotɔ afena ano.
Woasɛe wɔn w’abufuo da no so,
woakum na woanni adɔna.
22 Kwa 2.7 Woahyia m’atamfoɔ afiri afa nyinaa
sɛ afahyɛ da,
na AWURADE abufuo da no,
obiara amfiri mu amfi na obiara anka;
wɔn a meturuu wɔn na meyɛnee wɔn no,
me tamfo adwerɛ wɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
