Yosua 23 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yosua bɔ wɔn kɔkɔ

1 Yos 21.44 Na AWURADE maa Israel home firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyire nna pii, na Yosua abɔ akora na wadi nna bebree no,

2Yosua frɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, mabɔ akora, na madi nna pii.

3Na mo nso moahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi, mo anim; na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo.

4Monhwɛ, mede ntonto makyɛ amanaman a aka yi ne amanaman a matwitwa aguo no nyinaa mu ama mo, sɛ mo mmusuakuo nni so; ɛfiri Yordan ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ho awia tɔbea.

5Na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛsunsum wɔn afiri mo anim na ɔbɛtu wɔn afiri mo anim sɛ monni wɔn asase so, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.

6Deut 5.29 Enti monhyɛ mo ho den pa ara, na monhwɛ nyɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma mu no nyinaa, na moammane amfiri ho ankɔ nifa anaa benkum,

7Eks 23.13, 24 na moankɔ amanaman a akeka mo ho yi mu; na mommmɔ wɔn anyame din, na monnka wɔn ntam, na monnsom wɔn, na monnsɔre wɔn,

8na mmom AWURADE mo Nyankopɔn ho na momfam, sɛdeɛ moayɛ de abɛduru nnɛ yi.

9Lew 26.7-8; Deut 28.7 Na AWURADE atu amanaman akɛseɛ a wɔn ho yɛ den afiri mo anim, na mo deɛ, obi ntumi nnyinaa mo anim de abɛduru nnɛ.

10Mo mu baako bɛpamo nnipa apem, na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko ma mo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

11Enti monhwɛ mo ho yie, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn.

12Na sɛ mosane mo akyiri de mo ho kɔbata amanaman yi nkaeɛ a wɔakeka mo ho yi ho, na mo ne wɔn di ayewareɛ na mokɔ wɔn mu na wɔba mo mu a,

13Num 33.35; Deut 7.16; Ate 2.3 ɛnneɛ monhunu sɛ AWURADE mo Nyankopɔn renkɔ so ntu amanaman yi mfiri mo anim bio, na wɔbɛdanedane mo afidie ne kantankoraa ne mpire, mo mfem, ne nkasɛɛ, mo aniwa mu, akɔsi sɛ mobɛsɛe afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.

14 1 Ah 2.2; Yos 21.45 Na hwɛ, me deɛ, ɛnnɛ merekɔ asase sofoɔ nyinaa kwan; na monhunu mo akoma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ asɛm baako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a AWURADE mo Nyankopɔn kaa no wɔ mo ho no nyinaa mu, ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm baako mpo antɔ fam.

15Na sɛdeɛ asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo soɔ no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo soɔ akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.

16Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a, ɛnneɛ AWURADE abufuo bɛdɛre atia mo, na moasɛe ntɛm afiri asase pa a ɔde ama mo no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help