Daniel 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Daniel ne ne mfɛfoɔ wɔ Babel

1 2 Ah 24.1-2 Yudahene Yehoiakim afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Babelhene Nebukadnessar baa Yerusalem, na ɔbɛto hyɛɛ wɔn so.

2Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.

32 Ah 20.18 Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafoɔhene Aspenas, sɛ ɔmfa Israel mu, ahemfo asefoɔ ne mmapɔmma no mu,

4mmerantewaa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani ateɛ, nyansa nyinaa mu, na wɔnim de na wɔwɔ nhunumu, na wɔbɛtumi asom wɔ ɔhene ahemfie, na ɔnkyerɛ wɔn mma wɔnsua Kaldeafoɔ nwoma ne kasa.

5Na ɔhene yii wɔn ahennuane no bi, da biara ne ne deɛ, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔntete wɔn mfeɛ mmiɛnsa; na ɛno akyi wɔmmɛsom ɔhene.

6Na wɔn mu bi a wɔfiri Yudafoɔ mu ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria;

7na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego.

8 Lew 11 Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.

9Gye 39.21 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa asomfoɔ panin no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.

10Na asomfoɔ panin no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Mesuro, ɛfiri sɛ anyɛ a, me wura ɔhene a wayi mo aduane ne mo anonneɛ no bɛhunu mo anim sɛ ɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ sene mo atipɛnfoɔ mmerantewaa no deɛ, na moama me tiri ato, ɔhene anim.

11Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a asomfoɔ panin no de no asi Daniel, Hanania, Misael ne Asaria soɔ no sɛ:

12Sɔ wo nkoa hwɛ dadu ɛ, na wɔmma yɛn afuomduane nni ne nsuo nnom,

13na wode w’ani ahwɛ yɛn ne mmerantewaa a wɔdi ahennuane no anim, na sɛdeɛ wobɛhunu no, wo ne wo nkoa adi.

14Ɛnna ɔpenee deɛ wɔkaeɛ no soɔ, na ɔsɔɔ wɔn hwɛɛ dadu.

15Na dadu no wiee duro no, wɔhunuu wɔn anim sɛ ɛyɛ fɛ na wɔn honam aba wɔn ho sene mmerantewaa a wɔdi ahennuane no nyinaa.

16Ɛnna ɔsomfoɔ no yii wɔn aduane pa ne nsa a wɔbɛnom no, na ɔmaa wɔn afuomduane.

17 Hes 28.3 Na mmerantewaa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne aniteɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nyinaa mu nhunumu.

18Na berɛ a ɔhene kaa sɛ wɔmfa wɔn mmra no duruiɛ no, asomfoɔ panin no de wɔn baa Nebukadnessar anim.

19Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhunu wɔn nyinaa mu deɛ ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wɔde wɔn kaa ɔhene apamfoɔ no ho.

20Na nyansa ne nhunumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu wɔn sɛ wɔkyɛne nkonyaayifoɔ ne pɛadeahunufoɔ a wɔwɔ n’ahennie mu no nyinaa mprɛdu.

21Esra 1.1 Na Daniel tenaa hɔ kɔduruu Ɔhene Kores afe a ɛdi kan so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help