1 Yes 32.15 Ɛserɛ so ne nkyɛkyerɛ bɛnya anika,
na anwea pradada adi ahurisie, na ahane
sɛ nhyerɛne;
2nhyerɛne ara na ɛbɛguo,
ahosɛpɛ ne osebɔ mu ara na ɛbɛdi ahurisie;
wɔde Lebanon animuonyam bɛma no,
Karmel ne Saron nso bɛnya wɔn tumi,
wɔn na wɔbɛhunu AWURADE animuonyam,
yɛn Nyankopɔn tumi no.
3 Heb 12.12 Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den,
mommia nkotodwe a agoɔ mu;
4 Dwom 94.1 monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ:
Monhyɛ mo ho den, monnsuro,
hwɛ, mo Nyankopɔn nie!
ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba.
Ɔno na ɔreba
abɛgye mo nkwa!
5 Yes 29.18; Mat 11.5 Ɛno na anifirafoɔ ani bɛbue,
na asotifoɔ aso abue;
6ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ,
na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom,
na nsuo bɛtue ɛserɛ so,
na nsuwansuwa asene anwea pradada so;
7 Yes 41.18 na kumaforoteɛ bɛdane ɔtareɛ,
na asase pɛsɛɛ ayɛ nsuwansuwa;
na ɛserɛ so kraman tenabea a wɔbutuiɛ no,
ewira bɛfifiri ayɛ sɛ demmire ne mmɛwa.
8 Yes 62.10 Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ,
na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron;
deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn;
nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so.
9Gyata biara remma hɔ,
na aboa adufudepɛfoɔ biara rensi so;
wɔrenhunu bi wɔ hɔ,
wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa soɔ.
10 Yes 51.11; Dwom 126.6; Adi 21.4 Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba,
na wɔde nnwontoɔ aba Sion;
na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi,
ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa,
na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
