1 Dwom 106.1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,
na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
2Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa,
wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam,
3na waboaboa wɔn ano afiri nsase soɔ,
afiri apueeɛ ne atɔeɛ,
afiri atifi fam ne anafoɔ fam.
4Wɔkyinkyinii anwea pradada so,
nkyɛkyerɛ a ɛnni kwan so,
wɔanhunu kuro biara antena mu.
5Ɛkɔm dee wɔn, sukɔm dee wɔn,
wɔn kra tɔɔ piti wɔ wɔn mu.
6 Dwom 107.13, 19, 28 Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu,
na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu,
7na ɔde wɔn faa ɔkwantenenee so
sɛ wɔnkɔ kuro a wɔbɛtumi atena mu so.
8 Dwom 107.15 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho,
ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,
9 Luka 1.53 sɛ wama ɔkra a ne ho aweɛ ameeɛ,
na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɛkɔm de no ma.
10Wɔn a wɔtenaa sum ne sum kabii mu,
na wɔkyeree wɔn guu amaneɛ ne dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu,
11ɛfiri sɛ wɔtee Nyankopɔn nsɛm ho atua,
na wɔbuu ɔsorosoroni no agyina animtia,
12na ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn akoma ase,
wɔhwehwee ase a ɔboafoɔ bi nni hɔ.
13 Dwom 107.6 Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu,
na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu.
14Ɔyii wɔn firii sum ne sum kabii mu,
na ɔbubuu wɔn mpokyerɛ mu.
15 Dwom 107.8 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho,
ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,
16sɛ wabubu kɔbere mfrafraeɛ apono,
na watwitwa adaban mu asinasini.
17Agyegyentwie, wɔn mmarato kwan
ne wɔn amumuyɛ nti wɔhunuu amane.
18Wɔn kra kyiri aduane nyinaa
na wɔbɛn owuo aboboano.
19 Dwom 107.6 Na wɔsu frɛɛ AWURADE wɔn ahohia mu,
na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu.
20Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yadeɛ,
na ɔyii wɔn firii wɔn amena mu.
21 Dwom 107.8 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho,
ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,
22 Dwom 50.14 na wɔmmɔ aseda afɔdeɛ,
na wɔmfa ahurisie dwom nka ne nneyɛɛ.
23Wɔn a wɔsiane kɔ ɛpo so ahyɛn mu
na wɔkɔdi nsuo akɛseɛ mu dwuma no,
24wɔn na wɔhunuu AWURADE nneyɛɛ,
ne n’anwanwadeɛ ebunu mu,
25na ɔka maa ahum kɛseɛ tui,
na ɛmaa n’asorɔkyeɛ so.
26Wɔforo kɔɔ soro, na wɔsiane kɔɔ bunu donkodonko mu,
ahohia nti wɔn kra hodwoe.
27Wɔkyim kɔ bae tɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ,
na wɔn nyansa nyinaa sae wɔn tirim.
28 Dwom 107.6 Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu,
na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu.
29Ɔmaa ahum no yɛɛ komm,
na asorɔkyeɛ no yɛɛ dinn.
30Na wɔn ani gyee sɛ ano adwo komm,
na ɔde wɔn kɔɔ wɔn agyinaeɛ a wɔhwehwɛɛ hɔ no:
31 Dwom 107.8 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho
ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,
32na wɔmma no so ɔman ahyiaeɛ mu,
na wɔnyi no ayɛ mpanimfoɔ dwabɔ mu.
33Ɔdanee asutene maa no yɛɛ anwea pradada
ne nsuo aniwa maa no yɛɛ nkyɛkyerɛ.
34Asase a ɛma aduane danee asase kɛsɛɛ,
wɔn a wɔte soɔ no bɔneyɛ nti.
35Ɔdanee anwea pradada maa no yɛɛ ɔtadeɛ,
ne nkyɛkyerɛ maa no yɛɛ nsuo aniwa,
36na ɔmaa wɔn a ɛkɔm dee wɔn kɔtenaa hɔ,
na wɔkyekyeree kuro tenaa mu,
37na wɔyɛɛ mfuo, na wɔtetɛɛ bobe nturo,
na wɔnyaa nnɔbaeɛ pii.
38Na ɔhyiraa wɔn maa wɔn ase kyenee bebree,
na wamma wɔn afieboa so anhwan.
39Ɛnna afei wɔn so hwaneeɛ, na wɔbrɛɛ wɔn ase,
ɛnam nhyɛsoɔ, ɔhaw ne awerɛhoɔhyɛ nti.
40Ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so,
na ɔma wɔkyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so.
41Na ɔmaa ohiani so firii amanehunu mu,
na ɔyɛɛ wɔn mmusua sɛ nnwankuo.
42 Hiob 22.19-20 Teneneefoɔ bɛhunu, na wɔn ani agye,
na amumuyɛ nyinaa bɛmua n’ano.
43Obiara a ɔyɛ onyansafoɔ no, ma no mmu yeinom,
na ma wɔnwene AWURADE adɔeɛ ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.