1Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, na ɔrenwono ntutummɛ, ɛberɛ a akyire yi wira firi aseɛ fifire, na hwɛ, ɛyɛ ɔhene wiratwa akyiri wira.
2Na wɔbɛdii asase so ahahan wieeɛ no, mebisaa sɛ:
O AWURADE Nyankopɔn, mekoto srɛ wo, fa kyɛ!
Yakob bɛgyina sɛn?
Ɔsua dodo?
3AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho:
Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ɔseɛ.
4Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, AWURADE Nyankopɔn refrɛ ogya abɛtwe aso, na ɛbɛhyee ebunu bayaa no, na na ɛrehye asase no bi.
5Na mese:
O AWURADE Nyankopɔn, gyae ɛ! Mekoto srɛ wo.
Yakob bɛgyina sɛn?
Ɔsua dodo?
6AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho.
Yei nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.
7Sei na ɔmaa mehunuiɛ, na hwɛ, Awurade gyina ɔfasuo kyirebenn so, na kyirebennyɛ homa kura ne nsam.
8Yes 34.11; Amos 8.2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Kyirebennyɛ homa. Na AWURADE kaa sɛ:
Hwɛ, mede kyirebennyɛ homa
bɛsi me man Israel mfimfini,
merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.
9Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdanedane amamfo,
na Israel kronkrommea no ayɛ agoago,
na mede afena bɛsɔre atia Yeroboam fie.
Wɔpamo Amos firi Betel10 Yer 38.4 Ɛnna Betel sɔfoɔ Amasia soma maa wɔkɔɔ Israelhene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fie mfimfini, ne nsɛm no nyinaa rensene asase yi so.
11Na sɛ Amos seɛ nie:
Afena ano na Yeroboam bɛwuo,
na Israel bɛtu
afiri n’asase so akɔ.
12 1 Sa 9.9 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: Ɔdehunufoɔ, kɔ. Bɔ wo ho adwaa kɔ Yuda asase so, na kɔdidi hɔ na hyɛ nkɔm wɔ hɔ.
13Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahennie fie nso.
14 Amos 1.1 Ɛnna Amos bua see Amasia sɛ: Ɛnyɛ odiyifoɔ ne me na ɛnyɛ odiyifoɔ ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfoɔ ne ɔdɔma so hwɛfoɔ.
15Na AWURADE faa me firii nnwan akyiridie, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.
16Amos 7.13; 2.12 Na afei tie AWURADE asɛm:
Wo deɛ, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel,
na nsosɔ ngu Isak fie so.
17Enti sɛ AWURADE seɛ nie:
Wo yere bɛdane odwamamfoɔ,
kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano,
na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu,
na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so,
na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.