Atemmufoɔ NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUAtemmufoɔ Nwoma no ka Israel abakɔsɛm firi berɛ a na Israel ate Onyankopɔn so atua de kɔsi berɛ a wɔkɔko faa Kanaan asase no dii so, na wɔfirii aseɛ dii ahensɛm. Abakɔsɛm no fa Israel akatakyie bi ne wɔn mmarimasɛm a wɔdiiɛ ho titire. Din a wɔde too saa akatakyie yi ne “Atemmufoɔ.” Nanso nokorɛ mu no, wɔn mu fa kɛseɛ no yɛɛ asahene nnwuma titire senee sɛ wɔbuu atɛn sɛ atemmufoɔ. Wɔn mu deɛ wɔgyee din kɛseɛ pa ara ne Samson. Wɔka ne mmarimasɛm a ɔdiiɛ ho asɛm firi Ti 13 de kɔsi Ti 16 mu.Adeɛ titire a yɛsua firi nwoma no mu ne sɛ, sɛ Israelfoɔ no bɛdi yie a, na ɛgyina di a wɔdii Onyankopɔn nokorɛ, na wɔanni Onyankopɔn nokorɛ a na sɛ ɛde ɔhaw ba mpo a, Onyankopɔn nto wɔn ntwene ara. Na mmom ɛberɛ biara wɔhunuu wɔn bɔne na wɔnuu wɔn ho, na wɔsane kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn no, ɔgyee wɔn.EMU NSƐMNsɛm a ɛsisiiɛ de kɔsii sɛ Yosua wuiɛ 1.1—2.10Israel akannifoɔ ho nsɛm 2.11—16.31Nsɛm ahodoɔ bi a ɛsisiiɛ 17.1—21.25
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help