Daniel 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Awieeɛ berɛ

1 Dan 10.13; Mat 24.21; Eks 32.32; Flp 4.3 Ɛberɛ no mu na Mikael, ɔbɔfoɔ titire a ɔgyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina. Na ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ a ɛfirii sɛ ɔman baeɛ no bɛsi berɛ no soɔ ɛmmaa da, na ɛberɛ no mu na wɔbɛgye wo manfoɔ afiri mu, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din nwoma no mu no.

2Yoh 5.29 Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.

3Mat 13.43; 1 Ko 15.41-42 Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛdeɛ ewiem hyerɛn, na wɔn a wɔdane nnipa bebree kɔɔ tenenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.

4 Dan 12.9; Adi 10.4 Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso.

5Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, na mmarima baanu foforɔ gyina hɔ, ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha, na ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha.

6Dan 10.5 Na ɔbaako ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no atifi no sɛ: Da bɛn na anwanwadeɛ no awieeɛ bɛba mu?

7Adi 10.5-6; Dan 7.25 Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.

8Na metee, na mante aseɛ, na mese: Me wura, nnoɔma yi awieeɛ bɛsi sɛn?

9Na ɔse: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano de rekɔsi awieeɛ berɛ no so.

10Wɔbɛte nnipa bebree ho ahoa wɔn ho ama wɔapɔ, na abɔnefoɔ bɛkɔ so ara adi asɛmmɔne, na abɔnefoɔ nyinaa rente aseɛ, na mmadwemma na ɛbɛte aseɛ.

11Dan 11.31; Mat 24.15 Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi daa afɔdeɛ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduɔkron.

12Nhyira ne deɛ ɔtwɛn na ɔkɔduru nna apem ahasa aduasa nnum no soɔ.

13Na wo Daniel deɛ kɔ kɔduru awieeɛ, na woakɔhome na wɔasɔre akɔnya wo kyɛfa, nna a ɛdi akyire no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help