Ester 8 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wɔma Mordekai so

1Da no ara na Ɔhene Akas-weros de Haman, Yudafoɔ tamfo no, fie maa Ɔhemmaa Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛdeɛ ɔne no ntam teɛ no.

2 no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.

10Na ɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene pɛtea sɔɔ ano, na ɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne mfunumupɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mfrafraeɛ mma so.

11Emu na ɔhene maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ano nhyia, na wɔn nkwa nti, wɔnnyina hɔ, na wɔnsɛe na wɔnkum na wɔnnwerɛ ɛdɔm ne ɔman ne mantam biara a ɛhiahia wɔn ho, mmɔfra ne mmaa nso, sɛ wɔbɛfom wɔn nnoɔma,

12da koro, Ɔhene Akas-weros nsase no nyinaa so, bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa so.

13Atwerɛ no nsususoɔ a wɔde kɔhyɛɛ mmara nsase no nyinaa soɔ no ano da hɔ ma amanaman no nyinaa, sɛ Yudafoɔ no nsiesie wɔn ho nsie da no, na wɔntɔ wɔn atamfoɔ so were.

14Ammirikatufoɔ a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no soɔ no nam ɔhene asɛm so firi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu.

15Na Mordekai firii adi firii ɔhene no anim, na ɔhyɛ ahentadeɛ bibire ne fufuo ne sika abotire bɔ no, ne nwera pa, ne tamkɔkɔɔ atadeɛ hyɛ no yuu. Na Susa kuro no dii ahurisie, na wɔn ani gyeeɛ.

16Yudafoɔ no nyaa nkwa ne anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne anidie.

17Eks 15.14-16 Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help