Yosua 9 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Gibeonfoɔ ne Yosua yɛ apam

1Na ahemfo a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔ so nyinaa ne Sefela mpaperɛ so ne ɛpo kɛseɛ no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentensoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no teeɛ no,

2wɔbɛhyia boaa wɔn ano yɛɛ nokorɔ sɛ wɔne Yosua ne Israel rebɛko.

3 Yos 6.20-21; 8.26, 28 Na Gibeonfoɔ tee deɛ Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no,

4wɔn deɛ, wɔdii no nyansam na wɔkɔpɛɛ akwansoduane, na wɔfaa mmɔtɔ adada de soasoaa wɔn mfunumu ne nsa nkotokuo adada a asunsuane na wɔapempam.

5Na wɔde mpaboa adada a wɔasesa kyekyeree wɔn nan, na wɔhyehyɛɛ ntadeɛ agoago, na wɔn kwan so paanoo nyinaa akyenkyen na abobɔ atuo.

6Na wɔsii mu baa Yosua nkyɛn nsraban mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mmarima no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yɛfiri baeɛ, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.

7Yos 11.19; Eks 23.32 Na Israel mmarima no ka kyerɛɛ Hewifoɔ no sɛ: Ebia yɛn mu na woteɛ; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛne wo bɛyɛ apam?

8Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwannom ne mo, na ɛhe na mofire?

9Na wɔse: AWURADE wo Nyankopɔn no din nti na wo nkoa firi akyirikyiri asase bi so aba, ɛfiri sɛ yɛate ne nka ne deɛ ɔyɛɛ no Misraim nyinaa

10Num 21.21-35 ne deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og a ɔtenaa Astarot no.

11Na yɛn mpanimfoɔ ne yɛn asase no sofoɔ nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Momfa akwansoduane na monkɔ nkɔhyia wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Mo nkoa ne yɛn, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.

12Yɛn paanoo nie, ɛda a yɛresim aba mo nkyɛn no, yɛfaa no hyehyeɛ de firii yɛn afie mu, sɛ yɛrebɛdi no ɔkwan so; na afei, monhwɛ, akyenkyen na abobɔ atuo.

13Na nsa nkotokuo yi a yɛhyehyɛɛ no amaama na ɛyɛ foforɔ no, hwɛ, asunsuane, na ɔkwan no ware a ɛware pii nti yɛn ntadeɛ ne yɛn mpaboa yi asusu.

14Num 27.21 Na mmarima no faa wɔn akwansoduane no bi, na AWURADE anomu asɛm deɛ, wɔammisa.

15Yos 9.7 Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam.

16Na wɔne wɔn yɛɛ apam no akyiri nnansa no, wɔtee sɛ wɔbɛn wɔn na wɔte wɔn mu.

17Na Israelfoɔ tui, na wɔkɔtoo wɔn nkuro da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na wɔn nkuro ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.

18Na Israelfoɔ no anku wɔn, ɛfiri sɛ asafo no mu mmapɔmma akeka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn no ntam. Na asafo no nyinaa nwiinwii tiaa mmapɔmma no.

19Na mmapɔmma no nyinaa ka kyerɛɛ asafo no nyinaa sɛ: Yɛaka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn ntam, enti ɛnsɛ sɛ yɛka wɔn.

202 Sa 21.1-2 Yei na yɛbɛyɛ wɔn, na yɛama wɔatena ase, na ntam a yɛkaa wɔn no nti, abufuo amma yɛn so.

21Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔntena ase, na wɔnyɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ mma asafo no nyinaa, sɛdeɛ mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn no.

22Na Yosua frɛɛ wɔn bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na modaadaa yɛn kaa sɛ: Yɛne mo ntam ware pa ara, nanso mote yɛn mu yi?

23Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ a wɔbɛyɛ adwuma ama ne Nyankopɔn fie no bɛfire daa.

24Na wɔbuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim no, na mo nti yɛsuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yɛdii saa asɛm yi.

25Na afei, yɛn nie, yɛwɔ wo nsam, deɛ ɛyɛ na ɛtene w’ani soɔ a wobɛyɛ yɛn no, yɛ!

26Na ɔyɛɛ wɔn saa, na ɔyii wɔn firii Israelfoɔ nsam, na wɔanku wɔn.

27Deut 29.11 Na da no ara Yosua de wɔn yɛɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ maa asafo no ne AWURADE afɔrebukyia no sɛ ɛntoa so mmɛsi nnɛ yi faako a ɔbɛyie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help