Yuda 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nkyea

1 Mat 13.55 Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:

2Mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ ne ɔdɔ nnɔɔso mma mo.

Kristofoɔ gyidie ho pereɛ

3 1 Ti 1.18 Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.

4Na nnipa bi awiawia wɔn ho aba mu a wɔfiri tete atwerɛ wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɛfoɔ a wɔdane yɛn Nyankopɔn adom ahohwie, na wɔpo Owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.

Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ atemmuo

5 Num 14.35; 1 Ko 10.5 Na mepɛ sɛ mekae mo a moahunu yei prɛko dada sɛ, Awurade gyee ɔman no firii Misraim asase soɔ no, akyire yi no, ɔsɛee wɔn a wɔannye annie no.

6Yoh 8.44 Na abɔfoɔ a wɔankora wɔn paninnie, na mmom wɔgyaa wɔn ara wɔn tenaberɛ no, ɔde daa ahoma akyekyere wɔn, akora wɔn esum kabii mu, ama da kɛseɛ no atemmuo.

7Gye 19.4-25 Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.

8Saa ara na yeinom nso yɛ adaeɛsofoɔ a wɔgu honam ho fi, na wɔte tumidie atua, na wɔka animuonyamfoɔ ho nsɛmmɔne.

9 Dan 12.1; Sak 3.2 Nanso Ɔbɔfoɔ panin Mikael ne ɔbonsam dii aperepereɛ kasakasaa Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: Awurade nka w’anim!

10Na yeinom deɛ, wɔka deɛ wɔnnim no ho nsɛmmɔne, na deɛ wɔfiri wɔn nnipa su mu nim sɛ mmoa a wɔnni adwene no, ɛno mu na wɔgu wɔn ho fi.

11Gye 4.8; Num 31.16; 16 Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu.

12Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,

13Yes 57.20 ɛpo asorɔkyeɛ a ɛhuru a ɛpu wɔn ara wɔn aniwuo guo, nsoromma a ɛkyinkyini a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.

14 Gye 5.21 Yeinom ho na Henok nso a ɔtɔ Adam so nson hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefoɔ mpempem reba

15Mat 25.31 abɛbu wɔn nyinaa atɛn, na wabu wɔn mu amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn, wɔn amumuyɛdeɛ a wɔyɛeɛ nyinaa ne wɔn atirimuɔdensɛm a nnebɔneyɛfoɔ amumuyɛfoɔ no ka de tiaa no nyinaa ho.

16Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnafoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyiri, na wɔn ano ka akonkosɛm, na mfasoɔ nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.

Kɔkɔbɔ ne afotuo ahodoɔ

17Na mo, adɔfo deɛ, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ aka ato hɔ no

181 Ti 4.1; 2 Pe 3.3 sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Ɛberɛ a ɛdi akyire no mu no, fɛdifoɔ bɛba a wɔbɛdi wɔn ara wɔn amumuyɛ akɔnnɔ akyire.

191 Ko 2.14 Yeinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyiridifoɔ a wɔnni Honhom no.

20 Kol 2.7; 1 Te 5.11 Na mo, adɔfo deɛ, momfa mo ho nsi mo gyidie kronkron no so mmɔ mpaeɛ Honhom Kronkron tumi mu;

21mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu.

22Na akyinnyegyefoɔ nso monhu wɔn mmɔbɔ,

23Yak 5.19-20; Adi 3.4 ebinom nso monhwim wɔn mfiri gya mu nnye wɔn nkwa, na ebinom nso momfa suro nhu wɔn mmɔbɔ, na montane nipasu a ɛte sɛ atadeɛ a nkekaeɛ akeka mu nso.

Nhyira nsɛm

24 1 Te 5.23; Flp 1.10 Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,

25Rom 16.27; 1 Ti 1.17 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ santen, seesei ne daa nyinaa. Amen.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help