1O, sɛ wosunsuane ɔsoro mu siane
na mmepɔ woso w’anim ɛ!
2Sɛ ogya sɔ mmaboa
na ogya ma nsuo huru,
na woama w’atamfo ahunu wo din,
na amanaman ho apopo, w’anim!
3Woyɛɛ nnoɔma a ɛyɛ hu a na yɛnhwɛɛ; anim no,
wosiane sii fam na mmepɔ wosoo w’anim!
4 1 Ko 2.9 Na ɛfiri tete nteredee wɔntee,
ɛnkɔɔ obi aso mu,
ani nso nhunuu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ
a ɔdi ma deɛ n’ani da ne soɔ, gye wo nko.
5Wohyia deɛ ɔde anigyeɛ di asɛntenenee,
wɔn a wɔkae wo w’akwan soɔ no.
Hwɛ, wo bo fui, na yɛyɛɛ bɔne;
na ɛno mu na yɛwɔ dadaada yi, na wɔbɛgye yɛn nkwa anaa?
Bɔne paemuka6Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ,
na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi,
na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan,
na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.
7Na obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din
na ɔkanyan ne ho sɔ wo mu;
na woayi w’ani ahunta yɛn,
na yɛn amumuyɛ nti woama yɛayera.
8 Yes 63.16; 45.9 Na afei, O AWURADE, yɛn Agya ne wo.
Yɛn deɛ, dɔteɛ ne yɛn, na wone yɛn nwomfoɔ,
na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.
9O AWURADE, mma wo bo mmfu bebree,
na nkae amumuyɛ nkɔsi daa.
Hwɛ, ma w’ani mmra so ɛ, wo man ne yɛn nyinaa.
10 Dwom 74.7; 79.1 Wo nkuro kronkron adane ɛserɛ so,
Sion adane ɛserɛ so.
Yerusalem ayɛ akurofo.
11Yɛn kronkronyɛ ne yɛn animuonyam fie
a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no
wɔde gya ahye,
na yɛn anigyebea nyinaa ayɛ amamfo.
12Yeinom nyinaa mu wobɛhyɛ wo ho so ara, AWURADE,
wobɛyɛ komm abrɛ yɛn ase koraa?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
