Nnwom 25 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Fakyɛ ne kwankyerɛ ho mpaebɔDawid deɛ.

1AWURADE, wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.

2Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho matoɔ,

mma m’ani nnwu,

mma m’atamfoɔ ho nnsɛpɛ wɔn, me nti.

3 Yes 49.23 Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu,

wɔn a wɔtwa nkontompo kwa no na wɔn ani bɛwuo.

4 Dwom 27.11 AWURADE, kyerɛ me w’akwan,

na fa me fa w’atempɔn so.

5Ma mennante wo nokorɛ mu, na kyerɛkyerɛ me,

ɛfiri sɛ wone me nkwagyeɛ Nyankopɔn,

m’ani da wo so daa nyinaa.

6AWURADE, kae wo mmɔborɔhunu ne w’adɔeɛ

a ɛwɔ hɔ firi tete no.

7 Hiob 13.26 Nkae me mmɔfraase bɔne ne me mfomsoɔ, na mmom

kae me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,

AWURADE, w’ayamyie nti.

8AWURADE yɛ, na ɔtene,

enti na ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ ɔkwan soɔ.

9Ɔma ahobrɛasefoɔ nante tenenee mu,

na ɔma ahobrɛasefoɔ sua ne kwan.

10AWURADE atempɔn nyinaa yɛ adɔeɛ ne nokorɛ

ma wɔn a wɔdi n’apam ne n’adansesɛm soɔ.

11AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me,

na ɛdɔɔso pii.

12 Dwom 32.8 Onipa biara a ɔsuro AWURADE no,

ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa soɔ.

13 Dwom 37.9 Ne kra bɛtena yiedie mu,

na n’asefoɔ anya asase atena so.

14 Hiob 29.4 AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no,

na ɔma wɔhunu n’apam no mu.

15M’ani hwɛ AWURADE daa,

na ɔno na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu.

16Dane w’ani hwɛ me, na dom me,

na meyɛ ankonam, na meyɛ mmɔbɔ.

17M’akoma mu ahohia so,

yi me firi m’ahokyere mu.

18Hwɛ m’amaneɛ ne m’ahometeɛ,

na fa me bɔne nyinaa kyɛ me.

19 Dwom 35.19 Hwɛ sɛ m’atamfoɔ dɔɔso,

na wɔde atirimuɔden tane me.

20 Dwom 16.1 Hwɛ me kra so na gye me,

mma m’ani nnwu, na medwane bɛtoa wo.

21 Hiob 1.1 Ma pɛyɛ ne teeyɛ nhwɛ me so,

ɛfiri sɛ m’ani da wo so.

22 Dwom 130.8 Onyankopɔn, gye Israel

firi wɔn ahohia nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help